Lyrics

[Verse 1]
Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Memfa no nto mpa pampa so
Mpapa bɛbu, awɔ medɔ yi
Mede ahenemma bɛhyɛ no o
Mede me ntoma bɛsɛ fɔm
Ama no anante so aba o
Na medɔ nansowaa kyiri mmɔsea
Ɔdɔ nansowaa kyiri mmɔsea
[Verse 2]
Medɔ wiase akra me sɛ ɔbɛba abɛka me ho hye ooh
Menfa no nto ɔnyina dua ase
Ɔnyina bɛbu abɔ medɔ yi
Mete sɛ ɔbi rebɔ mu a na me yam ahye me o
Ɛyɛ ɔdɔ ne anigyeɛ afrafra ei
M'awerɛkyekyerɛ bɔfoɔ ɛɛba o
Ɔreba abɛku me ho awɔseɛ o
[Chorus]
Ɛnti yɛ ntɛm ɔdɔ, pɛ ntɛm bra
Wiemuhyɛn tu gya wo a, tena pɔnkɔ so bra
Pɔnkɔ nni hɔ a, nante bra
Bɛto wo densu gu me so
[Bridge]
Mɛdɔ asukɔ
Mɛdɔ asukɔ wɔ wo densu mu o me piesie yi e
Mɛdɔ asukɔ
Mɛdɔ asukɔ
Mɛdɔ asukɔ wɔ wo densu mu
[Verse 3]
Mi sumɔlɔ shɔɔ ɔhe ni ɔba
Tsɔɔ mo mi noko dani ji atsele
Nmɛnɛ otsitsi no ni maka mawɔ
Ɔhe ɔje nma me mawɔ
Shɔɔ ɔhe, shɔɔ ɔhe, shɔɔ ɔhe
[Chorus]
Yɛ ntɛm ɔdɔ, pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena keteke mu bra
Keteke nni hɔ a, tena car mu bra
Bɛto wo densu gu me so ɛ
[Chorus]
Yɛ ntɛm ɔdɔ pɛ ntɛm bra
Afunupɔnkɔ koraa ɔdɔ tena so bra
Afe koraa fa nante bra
Bɛtɔ wo densu gu me so
[Verse 4]
Ɔdɔ yɛwu akra me sɛ ɔbɛba abɛda me nkyɛn
Menfa no nto mpapa mpa so
Mpapa bɛbu, awɔ medɔ yi
Mɛtɔ kingsize bed ama no o
Na me koko ayɛ suumie e
Ɛnnɛ yɛnda ma obi ada bi o
Ɔdɔ yɛwu densu ayiri me, ayiri me o
[Bridge]
Nsuo refa a, nsuo nfa me
Nsuo refa a, nsuo nfa me
Nsuo refa a, nsuo nfa me
[Chorus]
Ɛnti yɛ ntɛm ɔdɔ, pɛ ntɛm bra
Ɛhyɛn tu gya wo a, tena keteke mu bra
Keteke nni hɔ a, tena car mu bra
Bɛto wo densu gu me so ɛ
[Outro]
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Bɛhwie wo densu gu me so ɛ
Bɛto wo densu gu me so ɛ
Written by: Kojo Antwi
instagramSharePathic_arrow_out