Lyrics
Mama mama yeah
Sikadam yeah
Mmmm mmm
Ou yeah
Ntoboaseɛ yɛ nkunimdie
Ntoboaseɛ yɛ nkunimdie
Ntoboaseɛ yɛ nkunimdie
Ahopepre ahopepre nso ne animguaseɛ na ɛnam oo
Abɔfra sua nanteɛ ansana woasua mirika tu ee
Brɛ wo ho ase oo, na w'anyin akyɛ wɔ asaase si yi so
Afɛfɛdeɛ yi wo bɛto yɛ oo, na wobegya nyinaa hɔ akɔ ee
Ɔba nyansafoɔ yebu no bɛ nanso yɛnka no asɛm
Akɔkono ee, ɛnyɛ akɛsesɛm kɔsɔ akokɔ nini asa ee
Anibre bɔne nti, wo so kɛtɛ sɛ wode kɔ sɔ ahen nsuo aba ee
Towoboaseɛ oo, na sika ɛnyɛ owuo aduru oo
Kakraa me wɔ nie, neɛ obe tie me ntie me wɔ aso pa mu
Ntoboaseɛ yɛ nkunimdie
Ntoboaseɛ yɛ nkunimdie
Ntoboaseɛ yɛ nkunimdie
Ahopepre ahopepre nso ne animguaseɛ na ɛnam oo
Sikadam na ɛbɔ wo na ama w'ani abre yi?
Sikadam na ɛbɔ wo na ama w'aso asi yi?
Adea woyɛ yi, ade asɛm kɛseɛ bɛba dabi
Yɛ ka na w'antie a, suantie de wo bɛkɔ ante ante
Sika anibre nti w'akɔ fa ɔnanka de abɔ kahyire
Towoboase oo, na yɛn tɔn nkwa wɔ Makola dwa so
Apata ee, wo hunu sɛ ɔkɔdie tu a ɛmma w'ani mmre
Kae hunu sɛ, ɔno nso onnim nsuo dware te sɛ wo ee
Towoboase oo na wodeɛ wɔ mu a, wonsa bɛka ee
Kakraa me wɔ nie, neɛ obe tie me ntie me wɔ aso pa mu
Nkwantia yɛ musuo ee
Nkwantia yɛ musuo ee
Nkwantia yɛ musuo ee
Ahobraseɛ ne animuonyam na ɛnam oo
Sikadam na ɛbɔ wo na ama w'ani abre yi?
Sikadam na ɛbɔ wo na ama w'ani efra yi?
Sikadam na ɛbɔ wo a, sikadam na ɛbɔ wo
Sikadam na ɛbɔ wo, sikadam na ɛbɔ wo
Sikadam na ɛbɔ wo, sikadam na ɛbɔ wo
Sikadam na ɛbɔ wo, sikadam
Written by: Kojo Antwi