Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
Kojo Antwi Tano
Lead Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
[Verse 1]
Uuh uuh ɔdɔ e, ɔdɔ mu gu ahodoɔ o
Ɔdɔ mu gu ahodoɔ o
Ebi deɛ yɛ sika dɔ
Ebi deɛ yɛ ahoɔfɛ dɔ
Me dɔ yɛ ɔdɔ kan ɛnti
Sɔ m′akoma mu dɛkyɛdɛkyɛ tesɛ ahwehwɛ
[Verse 2]
Mfitiaseɛ no dɛdɛɛdɛ
Ɛnkɔ wie akyiri no yayaaya
Ɛno deɛ mempɛ o
Obi adane Mr. Otua
Na obi tɛ akyiri ɛɛtwe current
Ɛno yɛ asisie o girl
[PreChorus]
Na sɛ mede m'akoma nyinaa ma wo a
Na woyɛ wo ho kɔnɔngo kaya a
Wo a, wonsoa ɛna womma obi nso nsoa
Ɛneɛ na, mɛyɛ me ho Michael Jackson
[Chorus]
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
[Verse 3]
Mfitiaseɛ no yɛ anyigye
Ɛnkɔ wie akyiri no na anyinya
Ɛno deɛ mempɛ o
Yɛhu wo foforɔ no na yɛde wo ɛgye nkyea
Nkɔwie akyiri na yaka wo ahyɛ ɛdan mu
Ɛno yɛ asisie o boy
[PreChorus]
Na sɛ meyɛ w′asɛdeɛ nyinaa ma wo a
Na won so woyɛ wo ho casanova
Ɛnnɛ Adwoa, ɔkyena Akosua
Ɛneɛ na mɛyɛ me ho Marion Jones
[Chorus]
Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
[Bridge]
Amirika yeah yeah
Amirika
[Verse 4]
Wogyegye me so a, mɛma wo ahomeka
Woto wo nsa bɔ me a, ɛbɛdane ɔkwaduo amirika
M'akyi nfuturo nkoaa na wobɛhunu, ɔdɔ ee
Wogo wo ho te sɛ agyinamoa ya sɔ na so a
Ɔbaahemaa ɛno deɛ, mɛma wo ahomeka
Na sɛ wodane ɔsebɔ deɛ a, ɔkwaduo amirika
M'akyi nfuturo nkoaa na wobɛhunu o
[Chorus]
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh girl, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
Uuh boy, uuh ɔdɔ e, ɛno deɛ amirika o
[Outro]
Ɔdɔ e
Ɛno deɛ amirika o
Uuh ɔdɔ e
Ɔdɔ e
Ɛno deɛ amirika o
Uuh ɔdɔ e
Ɔdɔ e
Ɛno deɛ amirika o
Uuh ɔdɔ e
Ɛno deɛ amirika o
Ɔdɔ e
Ɛno deɛ amirika o
Uuh ɔdɔ e
Ɛno deɛ amirika o
Written by: Kojo Antwi