Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Composer
Gregory Bortey Newman
Songwriter
Lyrics
Senea ɛyɛ ananse nwon no ntontan
Senea ɔkyeremin kuku nwon ne sie
Senea bɔnwirifoɔ nwon kente
Bra na yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Yeah yeah
Yeah yeah oh-ow-eh
Mɛ som nnɛ asom kyina sɛ me dɔ wo
Me ne wo bɛda kɛtɛ krɔ so
Yebe fra ntoma krɔ, y'ato nsa adidi
Wɔ ayewa krɔ mu, wo ntasuo bɛyɛ me nsuo a
Na mɛ nom, mɛ nom m'anya ahomeka
Wo ntasuo na mɛ nom, mɛ nom m'anya ahomeka
Mese, wodɔ yi abɔ afa me tiri mu asɔ me ho na me ne m'akoma
Ama mente wo nka sɛ medɔ yewu mentee wonka da
Ma we ataaso aka ntam kɛseɛ, woara na me ne wo bɛ nwon
Mesɔre anɔpa na menhunu wo, na mɛ ni agyina wo
Wo ho nyɛ obi fɛ koraa wo ne me Ms Ghana
Mesi m'akoma mu pi, me ne wo bɛtwi, bɛtwi aba
Wodɔ yi asɔ me mu o, woyɛ me kra dɔ
Mede me best begu wo so o, efisɛ papa nkoa na ɛfata wo
Nti bra, bra, bra, bra na yɛnka yɛn dɔ yi mmɔmu o
Bra ma yɛn yi wo abɛduaba a
Ɔdɔ yi, bra, bra, bra bra na yɛn di ɔdɔ yi mmɔmu o
Na yɛnto no nhyira a
Bra, bra
Wodɔ yi ɛsommo o, woyɛ me krabea
Mede me last begu wo so o, me ti koraa mede begye
Owww, bra, bra, bra, bra ma yɛnka yɛn dɔ yi mmɔmu o
Bra ma yɛn yi wo abɛduaba a
Owww, bra, bra, bra bra na yɛn di ɔdɔ yi mmɔmu o
Na yɛnto no nhyira a
Bra, bra
Senea ɛyɛ ananse nwon no ntontan
Senea ɔkyeremin kuku nwon ne sie
Senea bɔnwirifoɔ nwon kente
Bra na yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Senea ɛyɛ ananse nwon no ntontan
Senea ɔkyeremin kuku nwon ne sie
Senea bɔnwirifoɔ nwon kente
Bra na yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon ei
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon ei
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra na yɛn nwon, bra na yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Bra ma yɛn nwon, bra ma yɛn nwon
Bra ma yɛn nwon yɛ dɔ yi mmɔmu eh
Written by: Gregory Bortey Newman, Julius Kojo Antwi