Music Video

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Dada KD
Dada KD
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Dada Kwakye Duah
Dada Kwakye Duah
Composer

Lyrics

Ɔdɔ yɛn mra mra yɛn yɛ yɛnho fi
Ye wie a, yɛ dware oo
Ɔdɔ yɛn mra mra yɛn yɛ yɛnho fi
Yedware a, y'akɔ da oo
Ɔdɔ yɛn mra mra yɛn yɛ yɛnho fi
Ɔdɔ koraa bɛba dabɛn ni?
Ɔdɔ na wo ba dabɛn koraa ni?
Mehunu wo ee, menhunu wo a, menhunu me ho ano o
Ɔdɔ koraa bɛba dabɛn ni?
Ɔdɔ na wo ba dabɛn koraa ni?
Mehunu wo ee, menhunu wo a, mennim meho oo ah
Ɔdɔ nkyerɛ me nea ɔpɛ na obeduru a m'ayɛ no ahunu sɛ mepɛ no a o
Ɔnkyerɛ nea obedie, na m'anoa ma no adi ahunu sɛ medɔ no oo
Ɔdɔ kɔm na ɛde ne wura nso a, m'anya ɔdomankoma bi atwɛn no oo
Ɔdɔ ma men dada oo, bɛ ka me hye kɛkɛ bi
Ada a ɔdɔ bɛba deɛ (Mede benny's lights bɛ srasra ne body ho)
Ɛda no menda, ɛda no menda (Ama yɛde yɛn wedeɛ apopa)
Ada a ɔdɔ bɛba deɛ (Mede benny's lights bɛ srasra ne body ho)
Mɛyɛ me fii aa oo (Na mama yɛde yɛn wedeɛ apopa)
Yɛbɛ sese yɛn ho pɛ na y'ate champagne ano atwa bi oo
Yɛbɛ sosɔ yɛn mu a, ama ɔdɔ tiri mu ayɛ mmrɛmrɛmrɛ
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo

Ɔdɔ de akoma pa, akorɔkorɔpa na anyaa me
Mekae nanhyia a yɛ dikan sɛɛ yɛhwɛ nipa wommu no atɛn
Na sɛ bankye ɛnnyɛ a, ɛnnyɛ ano na yɛde ka oo
Ogya na ɛbɛkyerɛ, w'asɔ gya gu meso ama ma nua
Ama m'adwen mu ayɛ fekɔɔ, ɔmfa ne ho kɔm bɛ ba so nni me ɛɛ
Ɔdɔ m'abɛn dadaa oo, bɛ ka mehye kɛkɛ
Ɔdɔ hunu sɛ mewɔ atenka na ɔte me nka ne ho fɔ oo
Mewɔ atenka oo (Ɔdɔ nyɛ mra na yɛn yɛ yɛnho fi)
Darling hunu sɛ mewɔ atenka oo (Ɔdɔ nyɛ mra na yɛn yɛ yɛnho fi)
Ɔdɔ kae hunu sɛ mewɔ atenka oo (Ɔdɔ nyɛ mra na yɛn yɛ yɛnho fi)
Ada a ɔdɔ bɛba deɛ (Mede benny's lights bɛ srasra ne body ho)
Ɛda no menda, ɛda no menda (Na mama yɛde yɛn wedeɛ apopa)

Ɛda no menda, mɛyɛ me ho fii ankasa (Na mama yɛde yɛn wedeɛ apopa)
Yɛbɛ sese yɛn ho pɛ na y'ate champagne ano atwa bi oo
Yɛbɛ sosɔ yɛn mu a, ama ɔdɔ tiri mu ayɛ mmrɛmrɛmrɛ
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Ɔdɔ pɛ bɔsuo bɛsɔ m'ani nisuo yi, na m'ani nisuo ayiri me oo
Tɔ nsuo korɔgyen bɛto m'anum, na m'anum ntasuo yi ahono me o
W'anyɔnkɔfoɔ dodoɔ te gya ho no, ɔmo ahyɛ aseɛ ahunahuna me oo
Yɛ miamia me a, yɛ hunahuna me oo
Neɛ ɔwɔ gyedie kasa bɔnikyirifoɔ a, ɔte no abɛbuo oo
Nti sɛ ɔdɔ ateaseɛ aa, mɛntwentwɛn wo nan ase oo
Ɔdɔ hunu sɛ mewɔ atenka na ɔte me nka ne ho fɔ oo
Mewɔ atenka oo (Ɔdɔ nyɛ mra na yɛn yɛ yɛnho fi)
Darling hunu sɛ mewɔ atenka oo (Ɔdɔ nyɛ mra na yɛn yɛ yɛnho fi)
Ɔnkae hunu sɛ mewɔ atenka oo (Ɔdɔ nyɛ mra na yɛn yɛ yɛnho fi)
Ada a ɔdɔ bɛba deɛ (Mede benny's lights bɛ srasra ne body ho)
Mɛyɛ me fii aa oo (Na mama yɛde yɛn wedeɛ apopa)
Ada a ɔdɔ bɛba (Mede benny's lights bɛ srasra ne body ho)
Ɛda no menda, ɛda no menda (Na mama yɛde yɛn wedeɛ apopa)
Yɛbɛ sese yɛn ho pɛ na y'ate champagne ano atwa bi oo
Yɛbɛ sosɔ yɛn mu a, ama ɔdɔ tiri mu ayɛ mmrɛmrɛmrɛ
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ, saa na ɔdɔ pɛ oo, saa na ɔdɔ teɛ oo
Hyɛ aseɛ fa no firi me kɔn ho ee
Ansaana wode akɔ si aseɛ
Written by: Dada Kwakye Duah
instagramSharePathic_arrow_out