Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛba yi
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛba yi
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛba yi
Masɔre anɔpa, me ho nfa me o
Ɔdɔ afe m'ano, manya ahomeka
Sɛ m'aba mu bu a, ɔsere kyerɛ me o
Wɔama awɔsini agu me o, manya ahoɔden foforɔ bi
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ da gya mu
Ɔdɔ yɛwu nkɔmmɔ hyehyehyee
Ɔdɔ yɛwu ei, wo nkɔmmɔ da gya mu
Saa na ɔteɛ, ɔbrɛ ne ho ase o
Ɔmpɛ ne ho asɛm nso, sɛ na ahwene pa nkasa o
Tumtum broni yi, obibini mu obibini ei
Mebɔ wo nsemmrane a, gye me so ɛ
Ao, ɔdɔ yɛwu ei
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛbɔ yi
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛbɔ yi
Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni hɔ a, menso daɛ pa oh
Oh, ɔnni hɔ a, anisuo bɔkiti ma
Ɔdɔ yɛwu ei, fa wo nsa bɛto me kɔn mu o
Ka asɛm dɛɛdɛ bi kyerɛ me ei ma me ho nsɛpɛ me o
Me dɔ mu piesie, wode adam abɛyɛ fɛ
Mete wo so a, masɔre
Ao, ɔdɔ yɛwu
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no, ɔbɔɔ obiara ne ne deɛ ei
Sɛ manya me dɔfo yi a, mentwetwe n'ase o
Sɛ ɔfiri adwuma ɛba a, mede amirika na ɛbɛkɔ ahyia no ei
Na mayɛ no awaawaatuu, ɔdɔ yɛwu aba a, tenase o
Na mɛhwɛ w'aniwama mu, ɛno na ɛma me awerɛkyekyerɛ ei
Mehu wo a, na me ho atɛ me ei
Ao, ɔdɔ yɛwu ei
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛbɔ yi
Me dɔfo pa, wo nnwom na ɛbɔ yi
Ɔdɔ yɛwu ei, me na merefrɛfrɛ wo ei
Oh, ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, oh
Oh, ɔnni hɔ a, menso daɛ pa oh
Oh, ɔnni hɔ a, anisuo ankorɛ ma
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, yei
Wonni hɔ a, meda a, ɛnna
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, ha ha ha
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna, ha ha ha
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoa anisuo ha
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoa bɔkiti ma
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoa, ha ha ha
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoa, ha ha ha
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, yea
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna, yea yea
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna (Meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoa (Ɔdɔ nni hɔ a)
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoa
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna (Meda a, ɛnna)
Ɔnni hɔ a, meda a, ɛnna (Meda a, ɛnna)
Ɔdɔ nni hɔ a, anisuo nkoa (Anisuo nkoa)
Ɔnni hɔ a, anisuo nkoa
Ɔdɔ nni hɔ a, meda a, ɛnna
Written by: Kojo Antwi