Music Video

Credits

PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Performer
Kojo Antwi Tano
Kojo Antwi Tano
Lead Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Songwriter

Lyrics

[Verse 1]
Sɛ neɛ wose wodɔ me no
Hwɛ na woante m'akoma
Mede m'akoma kuruwa ɛkyɛ wo a
Wobɛtumi ahyɛ no ma?
Adeɛ a mempɛ ɛnɛ ɔdɔ ntɔsoɔ hey yeah
Wode me bɛyɛ wo dessert
Wodi w'aduane pa bi na wo men a
Na wode me afefa w'anum mu
Wode me bɛyɛ wo sapɔfunu
Da hia wahwehwɛ me
Ɔdɔ saa deɛ mepa wokyɛw
Meserɛ wo fa me si aha yi a
Na mewe ɔsono ama me ho akyiri me no deɛ
Ɔdɔ yɛwu e, anka mewe ntafrɛ anya ahotɔ
[PreChorus]
Kwani kwani ɔdɔ deɛ menfata
Mepɛ deɛ ɔbɛ pɛ me
Mehia deɛ ɔbɛhia me
Ɛnyɛ deɛ ɔbɛdi me ho agorɔ
[Chorus]
Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua
Ɛntumi nstande heartbreaks and lies
Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ
M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ
[Verse 2]
Asosɔn nti na yɛko wo ho no
Wo ho twentwam mo a na yɛatwi afa wo so nɛkɛ
Ɔgyina asuogya deɛ no ɔpakyɛw
Ɔtua nsuo wie a, ɔse ɔdɛnkyɛm atikɔpɔ
Nkontompo ne nnadaa w'akoma ɛte mpo a, ɛnfa ne ho
[PreChorus]
Kwani kwani ɔdɔ deɛ menfata
Mepɛ deɛ ɔbɛ pɛ me
Medɔ deɛ ɔbɛ dɔ me
Ɛnyɛ deɛ ɔbɛdi me ho agorɔ
[Chorus]
Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua
Ɛntumi nstande heartbreaks and lies
Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ
M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ
Nfa me nkɔ hɔ, m'akoma sua
Ɛntumi nstande heartbreaks and pain
Ɔdɔ mɛnfa me nkɔ hɔ
M'akoma yɛ ketewa, nfa me nkɔ hɔ
[Verse 3]
Akoma nni rechargeable battery
Yɛntɔn na yɛntwa ne ho factory
Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene
Akoma nni rechargeable battery
Yɛntɔn na yɛntwa ne ho factory
Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene
Mempene
Mempene no!
[Verse 4]
M'akoma te sɛ kosua mono a yato no ɛnnɛ
Ɛfiri wo nsa mu ɛhwi fɔm ma yato atwene
Daabi ara adwendwen ni kɔda a nda deɛ mentumi
Ɛnti sɔ m'akoma mu yie ma me
Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene
Me dɔfo kɛseɛ bɛdane me tamfo deɛ ɛbɛku me
Ɛbɛku me
M'akoma te sɛ kosua mono a yato no ɛnnɛ
Ɛfiri wo nsa mu ɛhwi fɔm ma yato atwene
Daabi ara adwendwen ni kɔda a nda deɛ mentumi
Ɛnti hwɛ m'akoma yi so yie ma me
Wode me bɛyɛ wo sidekick deɛ mempene
Me dɔfo kɛseɛ bɛdane me tamfo deɛ ɛbɛku me
[Outro]
Ɛnfa me nkɔ hɔ
M'akoma sua
Ɛno deɛ, ɛbɛku me
Heartbreaks and lies
M'akoma yi ketewa
Ɛno deɛ, ɛbɛku me
Ɛno deɛ, mempene mentumi
Uuh, ɛbɛku me
M'akoma yi sua
Ɛno deɛ, mentumi, ɛbɛku me
Heartbreaks and pains
M'akoma yi ketewa bi
M'akoma sua
Heartbreaks and lies
M'akoma yi ketewa
M'akoma sua
Heartbreaks and lies ɔdɔ ee
M'akoma yi ketewa bi
Written by: Kojo Antwi
instagramSharePathic_arrow_out