Lyrics

[Intro]
Afrimata, afrimata
Afrimata, afrimata
[Chorus]
Afofantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me e, yoo, yoo, yoo
Afofantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me e, yoo, yoo, yoo
Aboa ɔkyereben e, ɔpɛ sɛ ɔkyere me e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ adaadaa me e, yoo, yoo, yoo
Aboa ɔkyereben e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ adaadaa me e, yoo, yoo, yoo
Afofantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo
Afofantɔ e, yie, yie, yie
Agya e, agya e, maame e, yoo yoo yoo
[Verse 1]
Me deɛ, mese mada, sɛɛ na me nan gu abɔnten e
Mese manya ɔdɔ pa, sɛ na m'akɔfa afofantɔ e
Ɔhuri sisi sisi, ɔhuri sisi sisi nhyerɛn so e
W'adane me aboa nanka, w'akyekyere kahyire ato me so e
Ɔde pɔ bi too me tirim sɛ ɔdɔ me nkoa
Sɛɛ na ɔde ne dɔ ɛbɔ dɔnkɔmie e
Metɔɔ no aboɔden, sɛ na ne dɔ yɛ fofoofo e
Mede me werɛhyɛɛ ne mu, nanso w'ayi me baako ahyɛ me nsa e
Sɛ yɛ kaa yɛ a, yɛnmmoa sɛ, ahoɔfɛ nkyerɛ suban o
Oh oh oh, afofantɔ e, w'agyegye me ɛkɔkwan so
W'akɔ akɔgya me wo sumuna n'ani o
Oh oh oh, papa doctor, kyerɛ me e
Ɔdɔ sɛ wo ne ennuru biom a, eduru bɛn a na wonom o
[Bridge]
Afrimata, afrimata
Afrimata
[Verse 2]
M'atɔ nkyene akyɛ o, yɛde mako na ɛda m'ase ɛ
Oh, matɔ nkyene akyɛ e, yɛde mako na ɛda m'ase o
Akoma, akoma de nipa bɛkɔ dea yɛnkɔ e
Wosee me pɛ, wohyɛ mebɔ sɛ
Wobɛkura me mu tesɛ nkosua mono e
M'anunaa ne wo, na wobɔ me so ɔboɔ tesɛ adwe e
Ɛyɛ ampa sɛ, ɔdɔ bi tesɛ, samina ahuruo
Fitaa fitaa hyɛnhyɛn kwa, mframa pɛ a, na ayera o
M'akɔdi n'ahoɔfɛ akyi, w'ama nkasɛe awɔ me o
[Chorus]
Afofantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me e, yoo, yoo, yoo
Afofantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ agyegye me e, yoo, yoo, yoo
Aboa ɔkyereben e, aboa ɔkyereben e, yie, yie, yie
Ɔde n'ahoɔfɛ adaadaa me e, yoo, yoo, yoo
Aboa ɔkyereben e, yie, yie, yie
Agya e, agya e, maame e, yoo yoo yoo
Oh oh oh, afofantɔ e, w'agyegye me ɛkɔkwan so
W'akɔ akɔgya me wo sumuna n'ani o
Oh oh oh, papa doctor, kyerɛ me e
Ɔdɔ sɛ wo ne ennuru biom a, eduru bɛn a na wonom o
[Verse 3]
Oh oh oh, ah, w'akɔgya me yayaaya
Oh oh oh, ɔdɔ yɛwu agyegye me, w'agyegye me, agyegye me, akɔ kum me

[Outro]
Afrimata, afrimata
Nkosua mono na m'adane adwe o
Afrimata, afrimata
Ɔdɔ wo tesɛ, samina ahuruo
Afrimata, afrimata
Afrimata, afrimata
Written by: Kojo Antwi
instagramSharePathic_arrow_out