Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Amakye Dede
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Amakye Dede
Composer
Ulopa Ngoma
Songwriter
Lyrics
Ɔdɔ mpopa n'anim ne suo
Na ɔnto awerɛhoɔ yi bi ngu
Na ɔnkae hunu sɛ ɔdɔ deɛ saa na ɛteɛ
Ɔdɔ mpopa n'anim ne suo
Na ɔnto awerɛhoɔ yi bi ngu
Na ɔnkae hunu sɛ ɔdɔ deɛ saa na ɛteɛ
Wɔmfa n'ani nto me so
Na menso me te ha yi
Ne ho adwendwen a na ekum me, ne ho nisuo a na meteɛ
Mewɔ ne nkyɛn a anka mepɛ
Me wu o, ɔdɔ ho adwendwen
Me wu o, ɛnoara na ekum me, ɛnoara na ekum me
Medɔ no, ɔno nso dɔ me
Nanso ohia amma medɔfo yi angye me anni
Ei, ei sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Na me da baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Na me da baabi
Foresight Enterprise, Kokomlemle w'ate
Kwabena tie bi
Ɛnyɛ neɛ mepɛ no sɛ adeɛkyi adeɛsa yi
Menko me nam sɛ aduru anadwo a menko me da
Ɛnyɛ neɛ mepɛ no sɛ adeɛkyi adeɛsa yi
Menko me nam sɛ aduru anadwo a menko me da
Medɔfo yi bɛdwen sɛ m'ayɛ yie na menkae no
Nanso ɛnte sa ohia amma medɔfo yi angye me anni
Ohia amma medɔfo yi angye me anni
Me wu o, ɔdɔ ho adwendwen
Me wu o, ɛnoara na ekum me, ɛnoara na ekum me
Mepɛ no, ɔno nso dɔ me
Nanso ohia amma medɔfo yi angye me anni
Ei, ei sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Na me da baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Na me da baabi
Ɔdɔ da baabi
Ɔdɔ ma mente ne nka na awerɛkyekyerɛ firi onipa ho
Wo kasa yɛ me kasa w'amaneɛ yɛ ma maneɛ o
Ɛmma no nyɛ wo adwendwen sɛ m'ayɛ yie na menkae wo
Ɔdɔ ɛnte sa menim me ne abrɛ abrɛ
Meyɛ yie a mewerɛ firi wo
Me wu o, ɔdɔ ho adwendwen
Me wu o, ɛnoara na ekum me, ɛnoara na ekum me
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Na me da baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ mebroni da baabi ei
Na me da baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Na me da baabi
Sɛsɛɛ ɔdɔ bewu da baabi ei
Sɛsɛɛ ɔdɔ mebroni da baabi ei
Na me da baabi
Written by: Amakye Dede