Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
Me ka ɔdɔ ho hye na ɔno so aka me ho hye
Ɔde n'adepa bi aka me hye ei
Me ka ɔdɔ ho hye na ɔno so aka me ho hye
Ɔde ne nkɔmmɔ woɔ aka me hye ei
Ɔdɔ nkɔmmɔ woɔ dɛdɛɛdɛ
Mɛnom ɛtram me koraa mɛnom
Ɔdɔ yɛ me dea na menso mebɔ ne kɔn ee
Ɔdɔyewu yɛ me dea, me ne obiara nni ho akyinie
Osuo amuna tum mede ammirika bɛkɔ ɔdɔ nkyɛn yi
Medɔ mpa so deɛ ice koraa nane dane nsuohyeɛ
Ɔdɔ mpa so akɔnɔ akɔnɔ
Me ne obiara mmɔ ho hyeɛ a
Ɔyɛ n'adeɛ bi na w'ama m'ano sosɔ nsuo ee
Onim adeɛ a mepɛ nanso ɔmfa bɔ me atiri muɔden koraa
Me hunu mporowa mporowa mmienu yi a
Na me ho mmoa asɔre Onyame ammɔ mmaa nka mmɛrima yɛbɛ deɛn ni a
Onim agorɔ die ɔma ɔdɔ yɛdɛ a
Ɔdɔ ne nsa no ntwerɔyɛ
Ne nsa ano twerɔyɛ ahotew a
Dɔkɔ dɔkɔ dɔkɔ ɔdɔ woɔ ni yie nkɔmmɔ woɔ ni
Ɔdɔ yɛ me hemaa ne menso yɛ ne hene
Ɔnfa mehia asɛm nni agorɔ
Ɔda menkyɛn annwumere a bibiara yɛ natural
Wo-ou-oh-oh ou-oh-oh
Wodɔ yi yɛ nsa ou ɔdɔ nsa
Nka mɛnom ama no atwa me foto
Yeah, wodɔ yi yɛ nsa ou ɔdɔ nsa
Nka mɛnom ama no atwa me foto
Mekɔ ɔdɔ nkyɛn mekɔ m'ahenfie
Ɛhɔ na meduru a yɛ soa me soro soro wɔ apakan mu
Mɛkɔ ɔdɔ nkyɛn mɛkɔ ɔdɔyewu fie
Ɛhɔ na meduru a yɛ papa kɛseɛ huhu me ho
Onim agorɔ die ɔma ɔdɔ yɛfa a
Ɔdɔyewu ahina yi a
N'ahina yi amu hwam
Ama mayɛ ne dɔ nsa ho yi asomorɔdwe ei
Mayɛ asomorɔdwe ei
Ou ou ɔdɔ nsa yi
Ɔdɔ nsa yi a
Ou mɛnom ama no atwa me foto
Ou ɔdɔyewu nsa yi
W'akoma mu nsa yi a
Ou mɛnom ama no atwa me foto
Ou ou ɔdɔ nsa yi
Ou mɛnom ama no atwa me foto
W'akoma mu nsa yi ɔdɔ ei
Ou w'akoma mu nsa yi
Ou mɛnom ama no atwa me foto
Mɛbo ama no atwa me foto
Ou ou ɔdɔ nsa yi
Ou mɛnom ama no atwa me foto
Ou ɔdɔ nsa yi
Ou mɛnom ama no atwa me-
Ɔno na ɔyɛ me hemaa ne menso yɛ ne hene
Ɔnfa mehia asɛm nni agorɔ
Ɔda menkyɛn annwumere a bibiara yɛ magical
Wo-ou-oh-oh ou-oh-oh
Wodɔ yi yɛ nsa ou ɔdɔ nsa
Nka mɛnom ama no atwa me foto
Yeah, wodɔ yi yɛ nsa ou ɔdɔ nsa
Nka mɛnom ama no atwa me foto
Written by: Kojo Antwi