Lyrics
Mede wo din bɛto nnwom akyerɛ aman
Mede no din bɛto nnwom akyerɛ aman oh
Mewɔ sika anka metɔ sika kɔkɔɔ mpaboa ama no anante mu o
Mewɔ sika anka mesi dan ama no ada mu
Afei ma wo a, ma wo bebiree ama wɔn a asom no
Maame Adwoa, oh, oh, eno Adwoa, oh, oh
Ɛnyɛ obi a ɔnyem a ɔwo ma neba nkwa o
Ɛnyɛ obi a ɔnyem a ɔwo ma neba nkwa o
W'anyem me wɔ anigyeɛ mu awo me ama menyini aa
Ɛna ei menni hwee oo
Mayɛ ɔnnwomtofoɔ deɛ mewɔ a ne mpaebɔ
Enti dabiaa me mpaeɛ a mebɔ a ne sɛ
Bre bre Anowaa agya Onyame nhyira wo
Bre bre Anowaa ɔnto wo nkwa mu mma wo
Bre bre Anowaa agya Onyame nhyira wo
Bre bre Anowaa maame wo deɛ ni oo
Mede no din bɛyɛ dede akyerɛ aman
Akyerɛ wɔn sɛ mete no so a m'asɔre ah
Mewɔ sika nka mɛtɔ hyɛn ama no ada mu o
Mewɔ ahoɔden a anka mesi abansoro ama no ada mu o
Afei ma wo a, ma wo bebiree ama wɔn a asom no
Papa Asiamah, oh, oh, agya Asiamah, oh, oh, oh
Ɛnyɛ obia na ɔwo de no sumsumpa bɔ ne ba ho ban o
Ɛnyɛ obia na ɔwo de no sumsumpa bɔ ne ba ho ban o
W'anyem me abɔ me ban ama menyini aa
Papa ei menni hwee oo
Mayɛ ɔnnwomtofoɔ deɛ mewɔ a ne mpaebɔ
Enti dabiaa me mpaeɛ a mebɔ a ne sɛ
Bre bre papa agya Onyame nhyira wo
Bre bre agya ɔnto wo nkwa mu mma wo
Bre bre papa agya Onyame nhyira wo
Bre bre agya papa ei wo deɛ ni oo
Nnwom a meto yi, meto ma yɛn maame nom a
Wɔno nyinsɛn yɛn abosome nkron de woo yɛn
Nyame nhyira mo
Agya nom nso a mo de mo sumsum bɔ yɛn ho ban
Ɛnnase ne mo dea
Woa w'anya yefunu anwo bi yi nsoa
Me serɛ Nyame ɔnma no nyɛ hɔ a
Bre bre Anowaa agya Onyame nhyira wo
Bre bre Anowaa ɔnto wo nkwa mu mma wo
Bre bre Anowaa agya Onyame nhyira wo
Bre bre Anowaa
Bre bre papa agya Onyame nhyira wo
Bre bre agya ɔnto wo nkwa mu mma wo
Bre bre m'adɔfoɔ ei, meto nnwom yi ma mo o
Bre bre Anowaa
Bre bre Anowaa
Bre bre Anowaa
Bre bre Anowaa
Bre bre Anowaa
Written by: Kojo Antwi