Top Songs By Daddy Lumba
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
Ateaa Tina
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
Lyrics
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Fa me nkɔ wo deɛ mu o ɔdɔ ee
Wo su bɛyɛ me su
Wo maa yɛ me maa aa
Deɛ ɔdɔ bɛda na meda me nkwa da nyinaa
Ooo sika nsuo o Daddy Lumba
Tina na ɛfrɛfrɛ wo sɛ neɛ nyakontɔn frɛfrɛ nsuo
Ɔdɔ wote nkra yi ma w'ani ngye
Medɔ wonti medi ahurusie saa
Firisɛ mewɔ ɔdɔ o soronko bi ma wo medɔ ei
Mentietie obi asɛm ɛnfa nsɛei w'akoma koraa
Medɔ taa w'akye ama woadi obiaa so nkunim a
Woho nti mede m'akye atwere boɔ metimtim paa
Mehunu sɛ ɔdɔ dɔ me afei ɔdɔ akoma mu te o
Ɔdɔ asubɔnten
Asubɔnten dɔ ɔdɔ o
Ɔdɔ asubɔten
Ɔdɔ e ɛde me bɛkɔ akyire paa eh
Ɔdɔ asubɔten
Ɔdɔ dɔ mu dɔ ɔdɔ o
Ɔdɔ asubɔten
Ɛnyɛ suicide dɔ oo daabi o
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Fa me nkɔ wo deɛ mu o ɔdɔ ee
Wo su bɛyɛ me su
Wo maa yɛ me maa aa
Deɛ ɔdɔ bɛda na meda me nkwa da nyinaa
Menyani na mewu a medwa, medwa paa
Ɛnti mmreɛ bi paa bɛba ama diewuo agya ɔdɔ hɔ
Wiase mu ɔdɔ bi ɛdɛ o anigyeɛ ne gyidie wo mu oo
Sɛ me ne my dear teho dɛ a na mewerɛ afiri owuo mpo
Sɛ nka mede hia ɛwu ɛnso afei deɛ mentu ahu oo
Asikyire sie daddy e medi a na ɛnsa da oo
Woho nti mede m'akye atwere boɔ metimtim paa
Mehunu sɛ ɔdɔ dɔ me afei ɔdɔ akoma mu te o
Ɔdɔ asubɔnten
Asubɔnten dɔ ɔdɔ o
Ɔdɔ asubɔten
Ɔdɔ e ɛde me bɛkɔ akyire paa eh
Ɔdɔ asubɔten
Ɔdɔ dɔ mu dɔ ɔdɔ o
Ɔdɔ asubɔten
Ɛnyɛ suicide dɔ oo daabi o
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Fa me nkɔ wo deɛ mu o ɔdɔ ee
Wo su bɛyɛ me su
Wo maa yɛ me maa aa
Deɛ ɔdɔ bɛda na meda me nkwa da nyinaa
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Ɔdɔ mfa me nkɔ ɛ
Fa me nkɔ wo deɛ mu o ɔdɔ ee
Wo su bɛyɛ me su
Wo maa yɛ me maa aa
Deɛ ɔdɔ bɛda na meda me nkwa da nyinaa
Wo su bɛyɛ me su
Wo maa yɛ me maa aa
Deɛ ɔdɔ bɛda na meda me nkwa da nyinaa
Wo su bɛyɛ me su
Wo maa yɛ me maa aa
Written by: Charles Kwadwo Fosu