Lyrics

[Intro]
Ɔbrafoɔ
Mpem mmienu
Ghana, mabɛduru
[Chorus]
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi nie
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ mese maseda nie
Maame wayeyi nie
[Verse 1]
Awoɔ yɛya nanso woampaaba
Wabadayɛ deɛ ɛnna menhuu bi da
Medwen woho a menhu deɛ me nka
Ampa obiaa ntumi nnyɛ deɛ wayɛ ama me wɔ me wiase
Me mmɔfra ase wode ntoboaseɛ ahobraseɛ
Anya meho nteaseɛ ade besi nnɛ
Nti mede me tɛkerɛma bɛpae mu aka sɛ medawase
Nhyira nka wodin
Nyame ma wo ahoɔden
Me nyin na me wo aa maame na mɛto no abadin
Watete mewɔ Nyame suro kwan so
Ɔdɔ a wayi no adi akyerɛ me no deɛ ɛboro meso
Ɛberɛ nyinaa meti da woso
Oh! Nyankopɔn Twerediampɔn
Wona wo bɔɔ ɔsoro ne asaase ne nyankontɔn
Ɛna wo bɔɔ me ɔbrempɔn
Deɛ meserɛ wo ne sɛ hyira me maame anim mprenpren
Ma wɔn nkwa nna wɔ asaase so ɛnyɛ tenten
[Bridge]
Sɛ me deɛ wayɛ ama mea, wosɛ ayeyi
Nana Nyame nhyira wo oo, maame
Sɛ me deɛ wayɛ ama mea, wosɛ ayeyi
Nana Nyame nhyira wo oo, maame
[Chorus]
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi nie
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ mese maseda nie
Maame wayeyi nie
[Verse 2]
Akomapa nteteɛpa ɔdɔpa nhwɛsopa
Ne nyinaa firi me maame Ama
Ɛyɛ ampa ma menka
Menho adwendwen ahyɛ no ma
Nti ɔkɔ kɛtɛ so koraa ɛyɛ a ɔnda
Ɛnkaka meyare a, ɔntumi nndidi
Obuada ɔde ayɛmhyehyeɛ ahopeprɛ yɛ mekoma pɛdeɛ
Ɛnkɔ si sɛ da meho bɛto me onni anigyie
Mebɛsie, ɔdɔ mu afɛfɛdeɛ
Bɛhwɛ Kwabena abrantiɛ
Maame gyegye meso tesɛ ɔdehyeɛ
Wei nyinaa hwan na ɛbɛyɛ?
Maame nkoaa na ɛbɛyɛ
Mentumi nyi wo bonniayɛ
Deɛ wayɛ, abosome nkron akwantuo
Woate meho nisuo
Hwɛ me nkwadaa bɔnee nsɛm woanfa meho abufuo
Woama me nofo nsuo
Nokorɛ Nyame anim mehunu sɛ wabrɛ meho papa
Woyɛ ɔbaahemaa mentumi mfa wonto chacha
Aseda na wofata mama busa Kwata
[Verse 3]
Ɔdɔ kɛseɛ bɛn na ɛtesɛ wodɔ oo wiase nyinaa mentumi nteaseɛ
Neɛ akum me koraa ne ɛhwɛ a woahwɛ me maame maame w'aseda nie
Ɔdɔ kɛseɛ bɛn na ɛtesɛ wodɔ oo wiase nyinaa mentumi nteaseɛ
Neɛ akum me koraa ne ɛhwɛ a woahwɛ me maame Ama w'aseda nie oo
[Chorus]
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi nie
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ mese maseda nie
Maame wayeyi nie
[Verse 4]
Mekae biribia, mmrɛ a meyɛ akwadaa
Mɛni nka obiaa anim gye maame Ama Dapaah
Mese ɔnyɛ asa saa
Bosome bebiree a mesu aha anadwo anipa nyinaa adeda
Maame dɛdɛɛdɛ menma mewerɛ mfiri wo da
Wo yɛ ɔbaatanpa wo sɔ mensa kɔ skuul
Wohyɛ menkuran mensua adeɛ mbra bɛyɛ Dr. Who
Mefiri abɔnten ba fie a wohyia me yɛ me "awaa waa atu"
Bronya mmrɛ mahyɛ me shoe
Wohyɛ me ataadeɛ ma meho yɛɛfɛ sɛ Scobby-Doo
Ɔyaw ne apenesie a woadi wɔ wiase nyinaa fa meho
Wode me twere wo bo
Wosɛe wo adaagyeɛ nyinaa bɛtena menkyɛn
Na wode kasapa be busa me sɛɛ Kwabena ɛna woho te sɛn?
Mama ɛnkɔ si dabɛn?
Ɔbrafoɔ se adɛn?
Menni biribia ɛka me ma wo ayekoo ne akwaaba
Ɛnnɛ mese masan aba
Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ nana Nyame adahoroma ɛbɛyɛ yie nti ɛmpa aba
[Bridge]
Sɛ me deɛ wayɛ ama mea, wosɛ ayeyi
Nana Nyame nhyira wo oo, maame
Sɛ me deɛ wayɛ ama mea, wosɛ ayeyi
Nana Nyame nhyira wo oo, maame
[Verse 5]
Ouuu maame ouu-ouu
Ouu-ouu
[Chorus]
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi nie
Ɔbaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie
Mama watete me afiri fie
Ɔbrafoɔ maseda nie
Maame wayeyi nie
Written by: Michael Elliot Kwabena Okyere Darko
instagramSharePathic_arrow_out