Top Songs By Daddy Lumba
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
Lyrics
Ɛnnora bɛyɛ sɛ nnɔn mmienu
Nna koro koraa akye me ee meda ɛnna oo
Menyaa adagyeɛ adwendwen m'abrabɔ mu
Ɔdɔ Akosua Serwaa oo, emu nsɛm maa awɔse gu me oo
Monkɔ hwɛ sɛ obi ba
W'agya ne anigyie ne bibiara aguo aguo
Sɛdeɛ n'ani si ku me mma ho
Edin Serwaa yɛ ɔdɔ oo, wodɔ nti oo Nyame nhyira wo
Na ɔbaa, na ɔbaa, na ɔbaa, na ɔbaa, na ɔbaa bɛn na ɛbɛyɛ?
Sɛ ne kunu bɛdane amansan dea oo aah
Dabiara dabiara dabiara na ɔnenam nkorɔfoɔ aman so
Awɔ ne mpa foforɔ so, Serwaa m'afe wo
Nti sɛ adeɛ ankye me a, m'anto ndwom yi ankyerɛ ɔdɔ a
Ɔbɛgye ne ho adi ni ah
Nti sɛ adeɛ ankye me a, m'anto ndwom yi ankyerɛ ɔdɔ a
Ɔdɔ bɛgye ne ho adi ni ah
Sɛ me wiase o, me wiase o, me wiase o nyinaa ɛne wo
Ɛne m'akoma mu ɛne wo, maame Serwaa ee medɔ wo oh-oh-oh
Nti Kwadwo ee, menyɛ mfomsoɔ na mente nnisuo biom
Mahwere nkorɔfoɔ bebiree a m'antumi ankyerɛ wɔn
Sɛnea na mesi fa dɔ woɔ no, woyɛ me last chance
Ɔsoro nkyɛ me takara ee, menyɛ ɔkɔdeɛ ntu kosi medɔ nkyɛn aa
Na memfa tete kwanframoa ndi nse aa ee
Sɛ me wiase oo nyinaa ee, oh Serwaa medɔ wo oo oh-oh-oh
Nti sɛ adeɛ ankye me a, m'anto ndwom yi ankyerɛ ɔdɔ a
Ɔbɛgye ne ho adi ni ah
Nti paa ee sɛ adeɛ ankye me a, m'anto ndwom yi ankyerɛ ɔdɔ a
Ɔdɔ bɛgye ne ho adi ni ah
Sɛ me wiase o, me wiase o, me wiase o nyinaa
Ɛne m'akoma nyinaa, maame Serwaa ee medɔ wo oh-oh-oh
Asɛ Onyame nim sɛnea ɔbɔɔ me pɛpɛɛpɛ
Ɛne adwuma mɛyɛ, pɛpɛpɛ pɛpɛpɛ pɛpɛ
Ɔhwɛɛ so na ɔbɔɔ me so baa maa me pɛpɛɛpɛ
Edin Serwaa yɛdɛ oo, wodɔ nti oo Nyame nhyira wo
Nti sɛ adeɛ ankye me a, m'anto ndwom yi ankyerɛ ɔdɔ a
Ɔbɛgye ne ho adi ni ah
Nti sɛ adeɛ ankye me a, m'anto ndwom yi ankyerɛ ɔdɔ a
Ɔdɔ bɛgye ne ho adi ni ah
Sɛ me wiase o, me wiase o, me wiase o nyinaa
Ɛne m'akoma nyinaa, maame Serwaa ee medɔ wo oh-oh-oh
Written by: Charles Kwadwo Fosu