Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
Watch out
Magic, flash it
Well, well, well, well
Yeah yeah yeah
Ohunu me foforɔ no ɔse wobekum no ho ama me
Mfitiaseɛ no na ɔse ɔbesi abansoro ama me
Na ɛbaa no sɛn na apata abɔ me o, yoh yoh yoh
Yɛhyɛɛ ɔdɔ ase no, ɔma me breakfast in bed
Afei deɛ good morning mpo abɔ me ei
Sɛ ampa sɛ ɔdɔ sa, na ato adapaa o, na ato adapaa o
Ɔde m'anim adane punching bag
Dabia, dabia na twɛdeɛ hyɛ ntoma mu
Medi m'akoma akyi de ahoma akɔ sɔ mekɔn
Adeɛ nwonnwon yi na yɛfrɛ no awareɛ dea
Ɛneɛ mɛsan akɔdi me sugya o
Tom and Jerry awareɛ deɛ mentumi oo
Mentumi o, fanyinam sugya
Ɔdɔ ei, woboa o
Ɔdɔ ei, woboa o
Ɛyɛ wosɛ wo begyae me ama me ho atete a
Ɛneɛ woboa o
Ɔdɔ ei, wobɛfɛre o
Ɔdɔ ei, wobɛfɛre o
Ɛyɛ wosɛ wo bɛpam me ama m'anim aguase a
Ɛneɛ wobɛfɛre o
One time
Yoo aunty woaka wo deɛ a, ma menso men kasa bi e
Ɔbaa wei nansei wo suban asesa
Ɔsɔre anɔpa na ogyina ahwehwɛ anim a
Ɔte TV anim a, na adeɛ asa ei yeah yeah yeah
Me busa no asɛm a ɔde ne ti na ɛgye so
Wɔmmue n'ano mpo na w'akasa
Ama mehunu sɛ, yɛn dɔ yi gya adum o
Ɔde m'anim adane doormat
Abɔnten koraa na otwa bɔ me
Meka baako a, na w'aka adu o, w'aka ten oo
Ɔkɔ da anadwo dɔnkron a, ɔsɔre anɔpa nɔndu
Tom and Jerry awareɛ deɛ mentumi oo
Mentumi o, fanyinam sugya
Ou, ou, Opoku mfa no nkuu
Sɛ medware a, me ho mpae o
Yei deɛ mentumi o
Opoku mfa no nkuu Mr Opoku mfa wo nkuu
Sɛ medware a, me ho mpae o
Yei deɛ mentumi o
Awareɛ kɔ busa ama adeɛsa me asugya
M'adi gya, meni so ayɛ me hegya hegya
M'adi afrafrantɔ ahoɔfɛ akyi akɔ ka asuogya
I swear baby you lie bad you can't red card
W'ahoɔfɛ de wo bɛkɔ na wo suban de wo aba
Ammɔ bra brass band
Onoa a ɛben ɛben a aka sɛn aha deɛ wose sɛn?
Tom and Jerry awareɛ baby daabi, kyerɛ na me sin
Menuanom mmaa monto ma yɛn tie
Ou ou ou ou, ɛneɛ woboa o
Ɛyɛ wosɛ wo begyae me ama me ho atete a
Ɛneɛ woboa o
Ou ou ou ou, yie woboa o
Ɛyɛ wosɛ wo bɛpam me ama m'anim aguase a
Ɛneɛ woboa o
Ou, ou, Opoku mfa no nkuu
Sɛ medware a, me ho mpae o
Wei deɛ mentumi o
Ou, ou, Opoku mfa no nkuu
Sɛ medware a, me ho mpae o
Wei deɛ mentumi o
Ah eh, Opoku mfa no nkuu
Sumɔ kɛkɛ ni mi sumɔ bo
Kaa jwɛn akɛ mi nlu
Ah eh, Opoku mfa no nkuu
Opoku mfa no nkuu
Ah eh, Opoku mfa no nkuu
Darling, daabi nsusu, darling nsusu
Darling nsusu akɛɛ nɛkɛ obaa fee me eh
Ah eh, Opoku mfa no nkuu
Sumɔ kɛkɛ ni mi sumɔ bo
Kaa jwɛn akɛ mi nlu
Ah eh, Opoku mfa no nkuu
Opoku mfa no nkuu
Ah eh, Opoku mfa no nkuu
Written by: Kojo Antwi