Lyrics
Me hwehwɛ ɔdɔ ei
Obi nsoe me o na me kɔn mu ebu ei
Obi nsoe me o na me kɔn mu ebu ei
Obi nsoe me o na me kɔn mu ebu ei
Obi mmoa me oo, obi mmoa me oo
Wotu bata bɔne na wotiri nyɛ aa
Dabiara, dabiara na wo son nneɛma
Nea ɔpam wo nso onua ɔmmere ye ah
Dabiara, dabiara na wo di ammirika
Obi mma me beebi ma me nfa meti nto eh
Mabrɛ, mabrɛ, mabrɛ menhu biara
Me pɛ nsuo nwunu kakra ade agu me mene mu eh
Mabrɛ oh, mabrɛ menhunu biara
Ɔdɔ bɛgye me o na meho hyehye me ei
Ɔdɔ bɛgye me o na meho hyehye me ei
Obi mmoa me oo na me ho yera me
Ɔdɔ, ɔdɔ, ɔdɔ, na ɔdɔ o
Yɛ dɔ yɛn ho nanso aboasika sɛm nti
Ɔdɔ damebi na menso me damebi eh
Adeɛ bɛsa a na ato me adwendwen ebu oh
Nti me nko me kɔ da na mede me sunnie atare me bo biom ah
Medɔ nsoroma beyi me awɔ yi mu eh
Beyi, beyi me awɔ yi mu eh
Ɔdɔ yewu beyi me awerɛhoɔ yi mu eh
Beyi, beyi me awerɛhoɔ yi mu eh
Medɔ nsoroma beyi me anigyie yi mu eh
Beyi me awɔ oh
Me oo ɔdɔ yie, ɛyɛ me ah
Wote sɛ akokɔ bɔn anɔpa ɛyɛ me ah
Me oo ɔdɔ yie, ɛyɛ me ah
Wote sɛ nkremmofoɔ ekwan anɔpa ah ɛyɛ me ah
Mede kae wo sɛ m'aka sɛ mene wo na awuo no a
Bibiara, bibiara ntumi nsesa m'adwen
Nti ɔdɔ bɛgye me oh na meho yera me
Ɔdɔ bɛgye me na meho yera me
Medɔ nsoroma beyi me awɔ yi mu eh
Beyi, beyi me awɔ yi mu eh
Ɔdɔ yewu beyi me awerɛhoɔ yi mu eh
Beyi, beyi me awerɛhoɔ yi mu eh
Medɔ nsoroma
Medɔ nsoroma medɔ nsoroma eh
Be yi me anigyie yi mu eh
Beyi me awɔ oh
Me fre ɔdɔ ei ɔdɔ ei
Me hwehwɛ ɔdɔ ei
Ɔdɔ ei ɔdɔ ei
Me nka sɛn koraa na wo ahunu sɛ me wuo?
Me nyɛ dɛn koraa na wo ahunu sɛ medɔ wo?
M′aka m'anum nsɛm ama m′anum ntesuo asa eh
Ɔdɔ yewu ei menyɛ dɛn na w'ate m'ase?
Me nyɛ dɛn koraa na wo ahunu sɛ medɔ wo?
Me nka sɛn koraa na wo ate medɔ yi ase?
M′aka m'anum nsɛm ama m′anum nsɛm asa eh
Ɔdɔ yewu ei menyɛ dɛn na w'ate m'ase?
Ɔdɔ kaa sɛ wokɔdi nansa nanso mfie miɛnsa na aba yi
Mmrɛ a mekɔ daeɛ no me soo dae bi sɛ ɔdɔ yewu aba
Saa bre noa na metee sɛ obi bɔ me pono mu
Mebɔ petiri sɔre yɛ a yie, yie, yie
Mede ammirika kɔ hyia ɔdɔ kwan ah
Sɛɛ na abaayiwa bi a ɔtɔn atadwe
Atadwe wura eh ne w'ate me nkwakwa
Ɔdɔ nni hɔ a me charge me battery de agye deɛbɛn ni?
Nti menyɛ den na ɔdɔ na ɔdɔ ahunu sɛ me wuo?
Me ka sɛn koraa na wo ahunu sɛ medɔ wo?
M′aka m'anum nsɛm ama m′anum asa eh
Ɔdɔ yewu ei menyɛ dɛn na w'ate m'ase?
Menyɛ den na w'ahunu sɛ me dɔ wo?
Me ka sɛn koraa na w'ate medɔ yi ase?
M′aka m'anum nsɛm ama m′anum asa eh
Ɔdɔ yewu ei menyɛ dɛn na w'ate m'ase?
Ɔdɔ yewu ei menyɛ dɛn na w'ate m'ase?
Adeɛ bɛkye a, n'ato me ne adwendwen
Biribiara ɛwɔ fie ha biara, bɔ me woho nkae
Ɛnkanka sɛ me kae sɛ nea wo sere a
Ɔdɔ yewu ei ma hye oo
Na sɛ me nam krom, na me hunu obi a ɔse wo a
Ɛyɛ a na ma fe ɔdɔ, oh
Me de wo mfonyi atare mpa no atifi
Me fe w'ano anwumere biara ansa na m'ada, oh
Nti me nyɛ dɛn na ɔdɔ ahunu sɛ me wu o?
Me nyɛ dɛn ne nyɛ dɛn?
Me nyɛ dɛn koraa na woa feele medɔ ah
Me nyɛ dɛn ne nyɛ dɛn?
Ɛkwan a ɛda me ne ɔdɔ ntam yi yɛ tententen
Me nka sɛn me nka sɛn
Ɔdɔ yewu ei me wu ooh
Me nyɛ dɛn na w'ate medɔ yi
Me nka sɛn na wa feele medɔ, ah
Ɛkwan a ɛda me ne ɔdɔ ntam yi yɛ tententen
Ɔdɔ yewu ei me wu ooh
Me foro aboa gyata
Me foro Kilimanjaro nyinaa ntena se twɛn wo anaa?
Me nka sɛn na wa feele medɔ
Ɛkwan a ɛda me ne ɔdɔ ntam yi yɛ tententen
Ɔdɔ yewu ei me wu, ooh
Ɔdɔ yewu ei me wu, ooh
Ɔdɔ yewu ei me wu, ooh
Ɔdɔ yewu ei me wu, ooh
Ɔdɔ yewu ei oh oh, ooh
Written by: Kojo Antwi