Lyrics

Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Yeah yeah
Enni awerɛhoɔ menua baa
Enni awerɛhoɔ katakyie
Obia mfa medeɛ tu ne ho fo sɛ
Adeda abɔnten mpo tumi bɛyɛ nipa oo
Obia nso bɛyɛ yie
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Obia mfa medeɛ tu ne ho fo
Sɛ adeda abɔnten mpo tumi bɛyɛ nipa wate
Obia nso bɛyɛ yie
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Obi nnim nea wobɛyɛ nti
Sɛ wo hunu ohiani a ɛndwodwo no oo
Ɔbra yi tumi di adaneɛ adaneɛ abrɛ bia, daddy ee
Nti mehunu ohia biara a me bu no oo
Mehunu abɔfra biara nso a mebu no oo
Daddy ee, obiara nso bɛyɛ yie
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Nti mehunu ohia biara a me bu no oo
Mehunu abɔfra biara nso a mebu no oo
Lumba ee, obiara nso bɛyɛ yie
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Saa ndwom wei ɛkɔ ma me nnamfofoɔ a ɔmo tɔn nneɛma ɛwɔ Nkran kwan ho nyinaa
Nyame nhyira mo
Yɛ woo wo na ɛnyɛ sei na woteɛ nti
Ɛnnɛ neɛ woanyin aduro no a
Mfatoho kɛseɛ ma wo oo
Ɛmo se ɔpɛ nsuo dodoɔ
Nso yɛ dua no mpo ani a ɛnyɛ yie
Ɛmmrɛ no nso yɛ a, yɛn kɔ oo dasebrɛ ei
Nti sɛ adeɛ a yedie wɔ mu dea
Yɛn sa bɛka ansana yefiri wiase yi mu oo
Yɛ teaseɛ nkoaa deɛ
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Mekae sɛ me mmɔfra brɛ mu oo
Sɛ medidi oo sɛ mɛda oo
Me dwareɛ mu oo, me se hohorɔ mu oo
Na nyinaa megyina ɔsomboɔ a
Ɛmaa me kaa ntam sɛ
Me nyin a mɛyɛ nea metumi biara
Mede awerɛhoɔ mɛ to me bo ase oo
Afiri sɛ maame ei wabrɛ oo
Ama Esah ei, Ama Esah ei
Ama Esah ei, Ama Esah ei
Ama Esah ei, Ama Esah ei
Ama Esah ei, Ama Esah ei
Nanso ɛnnɛ me na ma ka akwantuo mu a
Sika nti y'afa me nipa hun bia
Aketua yi nso menya ɔsoafoɔ a
Ɔbaakofoɔ ei, me brɛ oo
Nso mekae w'amaneɛ a wodie nti
Awo ei, megu so a mebrɛ oo
Yɛ teaseɛ nkoaa deɛ
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Awo ensu oo
Awo mennsu biom a yie anoma yi
Maame ei popa w'anim nisuo wai oh
Me bɛ pa ohia ntoma yi agu oo
Sɛ wo wɔ gyedie dea bɔmu yɛn ka sɛ
Oh, afe wei deɛ ɛbɛ yɛ yie paa
Me bɛ pa ohia ntoma yi agu nti
Menyɛ ohiani biom ee bɔmu na yɛn ka sɛ
Oh, afe wei deɛ ɛbɛ yɛ yie paa
Anidasoɔ wɔ hɔ ma wo oo Francis Gyamfi ee
Anidasoɔ wɔ hɔ ma wo oo Akwasi Amankwah ee
Kwaku Odei mennsu biom w'ate
Me bɛyɛ yie a me werɛ mfiri wo
Mo mfa m'abrabɔ yɛ susudeɛ oo
Yie, mmɔfra yi aa
Firi sɛ Awuradze akwan yɛ akyewakyew mmm
Mmrɛ bi ba na me serɛ nanka mɛdi
Nti na mensa kɔ m'ano a na efiri Awurade oo
Lumba ee, obiara nso bɛyɛ yie bi
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Menua mmaa ɛmma mo nsu biom aa
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Ao Tuffour Brown ei
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Afia Fowaa wo ne Frimpomaa oo
Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara
Written by: Charles Kwadwo Fosu
instagramSharePathic_arrow_out