Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Daddy Lumba
Producer
Lyrics
Oh ɛyɛ awerɛhoɔ oo
Owuo atu me dunsinii ao ama me soafoɔ asa
Amansan abusua bebirebe yi menkoaa medeɛ na ogya da mu oo ah
Medwane mede toa amanfoɔ sɛ monsu mma me oo
Na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a, monsu mma me oo
Awisea foforɔ ne me oo awisea foforɔ ne me oo
Awisea mmɔborɔ oo nti ɛyɛ a, monsu mma me oo-ohh

Agyapong ee, na adeɛ atɔ m'ani oo Jamasenii
Maame Sikayɛna owuo nti na aa-ah
Agyapong ee, na adeɛ atɔ m'ani oo Victoria oo Agyei ee
Mekunu Kofi Diawuo nti aa-ah
Medwane mede toa amanfoɔ sɛ monsu mma me oo
Na meyɛ okunafoɔ mmɔborɔ nti Vic ee, monsu mma me oo
Ei bamoa owuo wonkoaa wotiri muɔ den oo
W'ayi adupɔn kɛseɛ a nase nyunu dɛ yi
Na wakyiri ɔbaatan saa ama noo mma ayɛ awisea
Motia mframa ɛho wo ho a, woti dwa mu no
Nti m'ato akyere akyere akyere aa w'akyere na ne agya oo
Ɔberɛ a mebrɛ bebirebe yi no nyinaa na owuo na w'ayɛ oo
Bamoa owuo ee w'ayɛ me bi oo
Owuo ayɛ me bi owuo ayɛ me bi dada me na mensu oo
Afei na afe aso o, abusuafoɔ adi nhyiamu
Meto m'ani a Auntie Connie nie ae Georgina Gyamfi nie
Eboo Nana Ama nie, ah Yaw Poku nie
Ama Agyei awerɛhoɔ nie, mama wara hwɛ wo mma oo
Ɔbaatan nna awia nna saa, w'ama adeɛ atɔ m'ani ao
Akua Agyeiwaa ne Joyce ee, Kumasi Asafo na ɔteɛ
Ɔse dwane de toa amanfoɔ sɛ ah amanfoɔ sɛ
Ɔyɛ awisea foforɔ nti, nkwadaa yi monsu mma wɔn oo
Agyeiwaa na adeɛ atɔ m'ani oo, Akua oo oh
Maame Ama Bio owuo nti no aa-ah
Joyce ee na adeɛ atɔ m'ani oo Joyce oo Joyce oo
Maame Ama Bio owuo nti no aa-ah menua mmaa yi ee
Medwane de toa amanfoɔ sɛ boo monsu mma wɔn oo
Meyɛ awisea foforɔ nti, nkwadaa yi monsu mma wɔn oo
Bibiara nni hɔ a ɛyɛ awerɛhoɔ sɛ wo wɔ akwantuo mu oo
Na wonsa bɛka nkra afiri fie sɛ wo papa aka baabi oo
Saa nkwanhyea yi bi ara na ɛtoo Cecelia Yaa Sarfoa a ofiri Kwahu Ɔbomin
Ma n'ani yɛɛ no yayaaya
Afe mmiɛnsa ni oo, ne papa akɔ wu agya no
Cece se w'asu asu aa, w'asu ama ne nisuo asa
Nti ɔdwane toa amanfoɔ sɛ ah Ghanamba oo
Ɔyɛ awisea foforɔ nti, Cece yi monsu mma wɔn oo
Cecelia ee na adeɛ atɔ m'ani oo Cecelia oo oh
Papa Kwasi Onwe wuo nti aa-ah
Yaa Sarfoa ee na adeɛ atɔ m'ani oo Safoa ee Sarfoa
Papa Kwasi Onwe wuo nti aa-ah oh Cecelia ee
Me dwane toa amanfoɔ sɛ ah monsu mma me oo
Meyɛ awisea foforɔ nti, Cece yi monsu mma me oo
Owuo atu me dunsinii ao ama me soafoɔ asa
Amansan abusua bebirebe yi menkoaa medeɛ na ogya da mu oo ah
Medwane mede toa amanfoɔ sɛ monsu mma me oo
Na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a, monsu mma me oo
Awisea foforɔ ne me oo awisea foforɔ ne me oo
Awisea mmɔborɔ oo nti ɛyɛ a, monsu mma me oo-ohh
Neɛ oni awuo ee due oo
Neɛ ɔseɛ awuo ee due oo
Okunafoɔ ee due oo
Lumba mesu ma ma mo oo
Dada mesu ma ma mo oo
Yaanom ee mesu ma ma mo oo
Written by: Charles Kwadwo Fosu