Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Performer
Kojo Antwi Tano
Kojo Antwi Tano
Lead Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Songwriter

Lyrics

[Verse 1]
Mekɔda anwummerɛ a woho adwendwen nti amma me nna
Meto m'ani a obia agye ne dee aka menkoa
Ama m'aniso atetɛ
Ama awɔsee agu me
Ama awereho akye me
Wo adwendwen nko ntia
Ama m'aniso atetɛ
Ama awɔsee agu me
Ama awereho akye me
Wo adwendwen nko ntia
M'akɔ Kuwait akɔsi Johannesburg
Nanso mennya obia ɔdɔ e ɔte m'asɛm ase te sɛ wo
Mensa da mensayam mede nkotodwe serɛ wosɛ
Ɔdɔ e mehomee te nti san bra o
[Chorus]
Me mfempade, me mfempade, makoma mu hemaa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
Me mfempade, me mfempade, maadepa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
[Verse 2]
Makɔ Arabia mehwehwɛ no, mehwehwɛ no, mehwehwɛ no
Makɔ Australia, mennya obia ɔte sɛ no, ɔte sɛ no
[Verse 3]
Medeɛ ne woa, sweetie medeɛ ne woa
Ansaana mmere kɛse besi ne tiri ase na ɛwɔ deɛ asaase akakyerɛ no
Ɔdɔ mefrɛfrɛ wo te sɛnea nyankontɔn frɛfrɛ nsu
Ɔdɔ deɛ meeka no, te mase
Steam, yɛ woadwene yi kyerɛ me aseɛ
Ahoɔfɛ, mebɔ mani a te mase
Akuaba, ɔhmeaa, me ho pop kyɛkyɛkyɛ
[Verse 4]
Ee bue, mafom ɔdɔ ee
Ɔde abufuo sesa ne nneɛma nyinaa ɛdeɛn koraa nie
Agya ee, mehwiri maa deɛ
Mahwiri maa deɛ, ma de pa bi oo, me mfepade ee
[Verse 5]
Abufuo ɛtesɛ ahɔhɔwoɔ, ɛntena baakofoɔ fie ɛnkyɛ
Sweetie, abufuo ɛtesɛ ahɔhɔwoɔ, ɛntena baakofoɔ fie ɛnkyɛ
Makoma mu dehyeɛ, obi dɔba Maame Dufie
Tie, efie ne fie
Me woa na ɛkɔ na ɛba
[Chorus]
Me mfempade, me mfempade, makoma mu hemaa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
Me mfempade, me mfempade, maadepa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
[Verse 6]
Makɔ Algeira, akɔsi Nigeria
Nanso mennya obia ɔte sɛ me
Makɔ Jamaica, akɔsi America
Nanso mennya obia
Mehwehwɛ ɔbaa soronko bi, ne se mu ɛgyerɛ
Na nan ahono, nkranfoɔ frɛ no angɛtɛ
Ɔno na anka aduru annwummerɛ a, agieɔ mi kɛtsɛ
Woagya mehɔ ɛnɔ nti na meesu yi oo
[Chorus]
Me mfempade, me mfempade, makoma mu hemaa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
Me mfempade, me mfempade, maadepa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
[Chorus]
Me mfempade, me mfempade, makoma mu hemaa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
Me mfempade, me mfempade, maadepa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
[Chorus]
Me mfempade, me mfempade, makoma mu hemaa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
Me mfempade, me mfempade, maadepa
Afei na mɛhunu sɛ, medeɛ ne woa
Written by: Kojo Antwi
instagramSharePathic_arrow_out