Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
[Chorus]
M'akoma ayɛ ma
Ɔdɔ krɔn ayɛ mu ma oo mu ma oo mu ma oo
M'akoma ayɛ ma
[Verse 1]
Mete m'aboboa ano meregye mframa
Menkɔ hwɛ abaayiwa bi na ɛsene yi
Wa hyɛ ne kaba abɔ ne duku ɛne no kɔ aa
Buebue hena ba nie?
Uuh ne hwene tia te sɛ dorobɛn
Ne se fitaa te sɛ sukyerɛma
Na deɛ ba kwa ɛkum me wɔ ne ho na
Ne nipadua, ne nipadua, tesɛ
[Verse 2]
Akuaba ee
Akuaba fɛfɛ
Ɔbaa hemaa fa wɔ bankye bɛbɔ me ngo yi mu
Hmm, na wo nim sɛ wo fata me
Yeah yeah, ma me bɛɛbi ntena wɔ akoma mu ee
Meyɔ m'ahenfie ɔdɔ ahenfie, menfa hɔ nni agorɔ koraa
[Verse 3]
Bue w'akoma, ma m'akoma
N'ɔdɔ krɔn hyɛ mu ma
Ma me kwan akuaba e
Ma me ndɔ wo ee
N'ɔdɔ krɔn hyɛ me ma
[Verse 4]
Bɔɔfrɛ a ɛyɛ dɛ na abaa da aseɛ
Ɛnnwom a ɛyɛ dɛ nso, na yɛto a yɛ gyegye ho
Ah, wɔtumi kan akoma mu nsɛm aa
Anka wo behunu sɛ ɔdɔ krɔn yɛ m'akoma mu ma ebu faso
Wo neɛ ma me kɔn adɔ awareɛ
Me yɛ asugyafoɔ hene, nanso biribi ama me kɔn a dɔ awareɛ
Yeah yeah yeah yeah
[Chorus]
M'akoma ayɛ ma
Ɔdɔ krɔn ayɛ mu ma oo mu ma oo mu ma oo
M'akoma ayɛ ma
[Verse 5]
Yeah yeah
Mɛ hyɛ wo kawa, mɛ hyɛ wo kawa
Mɛ hyɛ wɔ kawa na me de me din so aka wo deɛ ho aa
Ama bɛrima bia ahunu sɛ obia ato woso boɔ
Wo bɛfrɛ me darling na ma to mebo agye so sɛ "I love you sweetheart"
Me de me secret combination bɛto w'akoma pono no mu aa
Na ma to safoa no ato po ase
Yeah yeah yeah yeah
[Verse 6]
Bue w'akoma, ma m'akoma
N'ɔdɔ krɔn hyɛ mu ma
Ma me kwan akuaba e
Ma me ndɔ wo ee
N'ɔdɔ krɔn hyɛ me ma
Bue w'akoma, ma m'akoma
N'ɔdɔ krɔn hyɛ mu ma
Ma me kwan akuaba e
Ma me ndɔ wo ee
N'ɔdɔ krɔn
Ɔdɔ krɔn, ɔdɔ krɔn, ɔdɔ krɔn, ɔdɔ krɔn
[Chorus]
M'akoma ayɛ ma
Ɔdɔ krɔn ayɛ mu ma oo mu ma oo mu ma oo
M'akoma ayɛ ma
M'akoma ayɛ ma
Ɔdɔ krɔn ayɛ mu ma oo mu ma oo mu ma oo
M'akoma ayɛ ma
[Outro]
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Ma ooooh
Written by: Kojo Antwi