Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
Me ne no be wu
Me ne no be wu ɔdɔyewu e
Me ne no be wu
Me ne no be wu yeah yeah
Me ne no be wu
Me ne no be wu ɔdɔyewu e
Me ne no be wu
Me ne no be wu yeah yeah
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno
Ɔdɔyewu deɛ ɔyɛ soronko oo
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno
Me mfepadeɛ baako na yɛ de bɔɔ no oo
Ɔdɔ aka ntam sɛ ɔdɔ me
Menso me ne no be wu ooo
Oh menso me ne no be wu oo
Onni hɔ a biribi ɛyɛ ayɛ me e
Me hunu no a me kra ho atɔ no o
Ɔdɔyewu ee, kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Onni hɔ a biribi ɛyɛ ayɛ me e
Me hunu no a me kra ho atɔ no o
Ɔdɔyewu ee, kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔyewu kyerɛ me ee
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Ɔdɔyewu kyerɛ me ee, towo bo na kyerɛ me ee
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Ɛpopa biara ɛnwa ma me oo
Ɛbon biara mon ndɔ ma me oo
Ɔsramɔ koraa mɛgye ama wo oo
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Osu yɛm koraa mɛda ama wo oo
Gyata koraa mekum no ama wo oo
Ɔgya mu koraa, me fa ama wo oo
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Kyerɛ me oo ɔdɔ ei adea menyɛ ei
Kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo
Ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me oo
Mɛyɛ oo ɔdɔ ei, wo Superman eei
Mɛyɛ oo, ɔdɔ mɛyɛ me oo
Ɔdɔ mɛyɛ me oo ɔdɔ mɛyɛ me
Me ne no be wu
Me ne no be wu ɔdɔyewu e
Me ne no be wu
Me ne no be wu yeah yeah
Me ne no be wu
Me ne no be wu ɔdɔyewu e
Me ne no be wu
Me ne no be wu yeah yeah
Onni hɔ a biribi ɛyɛ ayɛ me oo
Me hunu no a me kra ho atɔ no o
Ɔdɔyewu ee, pɛ ntɛm bra ntɛm na yɛn ni ɔdɔ wai
Ɔdɔyewu deɛ ɔwɔ me ho abotrɛ ma me oo
Medɔ yi bɛkyerɛ kyerɛ wo ho kyerɛ me eh
Na wode w'ani ntɔn hwɛ me a
Ɛno deɛ ɔdɔ na w'akuma me koraa
Ɔdɔ kyerɛ me ee ɔdɔyewu kyerɛ me
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Ɔdɔyewu dɔ me ei, fa me yɛ deɛ wopɛ ei
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Na tintin bia ɛnwa ma me oo
Ketewaa bia so ensua ma me oo
Kɛseɛ bia so ɛnso ma me oo
Kyerɛ me deɛ wopɛ ma me nyɛ ma wo
Ɛpo anwea koraa mɛkan ama wo
Owia koraa mɛte ama wo oo
Dadewa mpa so koraa mɛda ama wo oo
Ɔdɔyewu ei, fa me yɛ deɛ wopɛ ei
Fa me yɛ oo ɔdɔ ei, w'akoma apɛdeɛ ee
Fa me yɛ, ɔdɔ fa me yɛ, ɔdɔ fa me yɛ, ɔdɔ fa me yɛ
Bɔkɔɔ ɔdɔ ei, ɛnteetee me ee
Fa me yɛ, ɔdɔ fa me yɛ, ɔdɔ fa me yɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Ɔdɔ kyerɛ me oo, ɔdɔ kyerɛ me oo ɔdɔ kyerɛ me
W'akoma apɛdeɛ ɔdɔ kyerɛ me oo na mɛyɛ
Written by: Kojo Antwi