Credits
PERFORMING ARTISTS
Kojo Antwi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kojo Antwi
Songwriter
Lyrics
Yea yea
Yea yea
Nah nah
Nah nah nah nah
Yea yea
Yea yea
Nah nah
Nah nah nah nah
Bɛ sɔ me mu e ɔbaa hemaa
Bra ma yɛn ka ɔdɔ mmɔ mu ɛ m'adamfo aa
Fa w'akoma bɛtare medeɛ ho ɛ
Na ɔdɔ kɔ neɛ ɔdɔ wɔ
Bɛsɔ me mu ma ɔdɔ nsɔ
Hmm me nsroma dɔ, popa w'anim anisuo
Na ɔdɔ ɛnni awieɛ ɛno na me de dɔ wo
Hmm me nsroma dɔ, mɛndwendwen na w'akɔ fɔm koraa
Na ɛnnɛ anwummere yi wo wɔ hen oo? Sɔ me mu oo ma ɔdɔ nsɔ ɛ
Ɔdɔ kyerɛ me kyerɛ me
Ɔdɔ oo, kukuru me kukuru me
Fa me hyɛ w'akyi oo te sɛ akwadaa foforɔ
Ɔdɔyewu ee dware me dware me
Fa ɔdɔ nku, sra me sra me
Ɔdɔ deda me te sɛ akwadaa foforɔ
Menko medɔ yi aa
Menko medɔ yi anaa
Menko medɔ yi aa
Menko medɔ yi anaa
Ɔdɔyewu
Menko medɔ yi anaa
Menko me dɔ yi aa
Menko medɔ yi anaa
Ɔde ne nsa popa me ho a, na nketekete akyire me ee
Na sɛ ɔfe m'ano baako a mehunu nsoroma bebiree
Saa na yɛ yɛ no ɔ
Saa na mepɛ no ɔ
Sɔ me mu, kyerɛ me sɛ meyɛ wodea oo
Fe m'ano, kyerɛ me sɛ wodɔ menkoaa oo
Neɛ ɛbɛba bia kae hunu sɛ megyina w'akyi oo
Mɛnpa aba, yeah
Mɛnpa aba
Yea yea
Yea yea
Nah nah
Nah nah nah nah
Yea yea
Yea yea
Nah nah
Nah nah nah nah
Obi abayaa me ne wo bɛkɔ baabi ee
Yɛde akyekyedeɛ nanteɛ bɔkɔɔ nanso yɛbɛ kɔ baabi ee
Me ne bedi agorɔ soronko bi ee
Dua ɛbɛn n'akyi nti ɔdɔyewu ee twe bɛn me ɛ
Dondo bɛyɛ dɛ a, efiri mmotuom nti
Mede champagne kakraa aba
Ɛne candle kakraa wo nso fa nnwom motoo si so ɛ
Na yɛnfa sɛpɛ yɛn ho ee
Yɛn fa mfeano mfitiaseɛ
Fitiaseɛ firi me kɔn ho ansaana wode akɔsi aseɛ
Ɔdɔ gyegye me gyegye me
Yie ɔdɔyewu ee
Gogo me gogo me
Mawerɛkyekyefoɔ ɛne woara oo
Ɔdɔyewu ee sese me sese me
Yie ɔdɔyewu ee
Woso me woso me
Na awerɛkyekyerɛ afiri anipa hɔ
Menko me dɔ yi aa
Menko medɔ yi anaa
Menko me dɔ yi aa
Menko medɔ yi anaa
Ɔdɔyewu
Menko medɔ yi anaa
Menko me dɔ yi aa
Menko medɔ yi anaa
Ɔde ne nsa popa me ho a, me te nka wɔ me dompe mu oo
Na sɛ ɔsu nketekte frɛ me dea na menya ahoɔden soronko bi ee
Saa na yɛ yɛ no ɔ
Saa na mepɛ no ɔ
Sɔ me mu
Fe m'ano
Neɛ ɛbɛba bia kae hunu sɛ megyina w'akyi oo
Mɛnpa aba
Mɛnpa aba
Ɔdɔ miamia me ee, sɔ ɔdɔkora mu nsuo bedware me
Ɔdɔ mu ɔsom nie, ɔdɔyewu gyegye me
Ɔdɔ woso me ee, te ɔdɔ ntakra benu m'aso mu
Ɔdɔyewu bubu me ee, ɔdɔyewu agyegye me
Ɔdɔ miamia me ee, sɔ ɔdɔkora mu nsuo bedware me
Ɔdɔ woso me ee, ɔdɔyewu bubu me
Ɔdɔ gyegye me te ɔdɔ ntakra benu m'aso mu
Ɔdɔ oo bubu me ee, ɔdɔyewu
Kyerɛ me kyerɛ me
Kukuru me kukuru me
Gyegye me gyegye me
Bubu me bubu me
Ɔdɔyewu ee
Sese me sese me
Woso me woso me
Turu me turu me
Kukuru me kukuru me
Gyegye me gyegye me
Bubu me bubu me
Sese me sese me
Woso me woso me
Kyerɛ me kyerɛ me
Kukuru me kukuru me
Written by: Kojo Antwi