Lyrics

[Verse 1]
Dadeɛ anomaa ee, bɛgye me lɛtɛ kɔ ma ɔdɔ
Dadeɛ anomaa ee
Dadeɛ anomaa ee, bɛgye me lɛtɛ kɔ ma ɔdɔ
Dadeɛ anomaa ee
[Verse 2]
Ɔdɔ, wokɔɔ yɛ akyɛ o
M′ani agyina wo o
Mese, wogyaa me hɔ yi
Adwendwen ɛne osu nko ara na ɛkum me o
Mafe wo o
Ɔdɔ, bɛba dabɛn nie a?
Ɔdɔ, wobɛba dabɛn nie a?
Me nsono mu oo
M'anisuo ayiri me a
Me nsono mu oo
[Chorus]
Obi ba a, mane me o
Obi ba a, mane me o-oh-oh
Obi ba a, mane me o
Ɛyɛ a, na obi ba a, mane me o-oh-oh
Na sɛ wore mane me a, mane me handkerchief o-oh-oh
Ɛno na mede, bɛpepa m′anisuo o
Bɛpepa m'anisuo o, ae
[Verse 3]
Ɔdɔ, meretwɛn wo o
Ɛmma wowerɛnfiri me o
Mesrɛ Nyame sɛ, ɔnhwɛ wo so yie
Ɔnfa wo mmɛduru fie dwodwoo
Ayee, mafe wo o
Ɔdɔ, bɛba dabɛn nie a?
Ɔdɔ, wobɛba dabɛn nie a?
Me nsono mu oo
M'anisuo ayiri me a
Me nsono mu oo
[Chorus]
Obi ba a, mane me o
Obi ba a, mane me o-oh-oh
Obi ba a, mane me o
Ɛyɛ a, na obi ba a, mane me o-oh-oh
Na sɛ wore mane me a, mane me handkerchief o-oh-oh
Ɛno na mede, bɛpepa m′anisuo o
[Chorus]
Obi ba a, mane me o
Obi ba a, mane me o-oh-oh
Obi ba a, twerɔ me o
Ɛyɛ a, na obi ba a, twerɔ me o-oh-oh
Obi ba a, mane me o
Anisuo ayiri me oo-oh-oh
Anisuo ayiri me oo
Anisuo ayiri me oo-oh-oh
Na sɛ wore mane me a, mane me handkerchief o-oh-oh
Ɛno na mede, bɛpepa m′anisuo o
Bɛpepa m'anisuo o, ae
[Outro]
Dadeɛ anomaa e, bɛgye me lɛtɛ o
Kɔse ɔdɔ ma o
Me nsono mu oo
M'anisuo ayiri me o
Me nsono mu oo
Ɔdɔ, bɛba dabɛn nie a?
Ɔdɔ, wobɛba dabɛn nie a?
Written by: Kwadjo Antwi Tano
instagramSharePathic_arrow_out