Top Songs By Daddy Lumba
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Daddy Lumba
Producer
Lyrics
[Verse 1]
Memfa me tiri nyɛ dawuro mma wo na wo mmɔ mu nkyerɛ amansan
Memfa mogya nyɛ ink mma wo na womfa nsan aseɛ o medɔ
Memfa me tiri nyɛ dawuro mma wo na wo mmɔ mu mmɔ mu mmɔ mu konn
Memfa mogya nyɛ ink mma wo na womfa nsan aseɛ o medɔ
Memfa wo din mmɔ ne me moma so wo din ntare m'akoma so ɛ
Memfa ɔdɔ kaawa nto me kɔn mu ɛ kaawa nsan me nsa so ɛ
Memfa wo din mmɔ ne me moma so wo din ntare m'akoma so ɛ
Memfa ɔdɔ kaawa nto me kɔn mu ɛ kaawa nsan me nsa so ɛ
Mehunu woho na wogyina Tudu o (Ɔda mu baako)
Ɔyɛ soronko (Ɔda mu baako)
Ghananii abayewa bi, ah! Ahoɔfɛ eh eh
Mehunu woho na wogyina Tudu o (Ɔda mu baako)
Ɔyɛ soronko (Ɔda mu baako)
Wabɔ n'ani akyerɛ me ao akoma akasa ama akoma ate afa
[PreChorus]
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Mabɔ nkɔmmɔ pa
Atinka pa
Ma no akɔ wo ho papa ha
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Mabɔ nkɔmmɔ pa pa
Atinka pa
Ma woadi adanse papa ha
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Ma no akɔ wo ho papa
Atinka pa
Ma woadi adanse papa ha
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Mabɔ wo nkɔmmɔ pa
Atinka pa
Ma woadi adanse papa, hɛ!
[Chorus]
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a, sɛ sumiiɛ kasa a ebei
Sɛ nka ɔdan kasa o, ah
Sɛ nka ɔdan kasa a
Sɛ nka ɔdan kasa o, ah
Sɛ nka ɔdan kasa a, sɛ nka ɔdan kasa a ah
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a
Sɛ nka ɔdan kasa o, ah
Sɛ nka ɔdan kasa a
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a, sɛ sumiiɛ kasa a
[Verse 2]
Nea wobɛte ara ne
Mmm, mmm
Sɛ sumiiɛ kasa a
Mmm-mmm-mmm, mmm-mmm
Sɛ nka ɔdan kasa a ebei
Sɛ sumiiɛ kasa o
Sɛ sumiiɛ kasa a, sɛ sumiiɛ kasa a
Oh-oh-mmm
[Verse 3]
Memfa me tiri nto wo fie ma makɔ
Memfa nyɛ Twerɛkronkron mma wo
Mempae asaase mu na yɛnkɔhyɛm, hyɛm
Asaase mu na yɛnkɔhyɛm
Memfa me tri nto wo fie ma makɔ
Memfa nyɛ Twerɛkronkron mma wo (Yeah)
Mempae asaase mu na yɛnkɔhyɛm, hyɛm
Asaase mu na yɛnkɔhyɛm
Ɛyɛ wo nko ara medɔ
Wo nko ara na wo rekorɔ
Ɛyɛ wo nko ara, wo nko ara, wo nko ara
Wo nko ara, wo nko ara, wo nko ara
Ɛyɛ wo nko ara medɔ
Wo nko ara na wo rekorɔ
Ɛyɛ wo nko ara, wo nko ara, wo nko ara
Wo nko ara, wo nko ara, Sɛrwaa-eh
[Verse 4]
Oh, memfa me tiri nyɛ dawuro mma wo na wo mmɔ mu nkyerɛ amansan
Memfa mogya nyɛ ink mma wo na womfa nsan aseɛ o medɔ
Memfa me tiri nyɛ dawuro mma wo na wo mmɔ mu mmɔ mu mmɔ mu konn
Memfa mogya nyɛ ink mma wo na womfa nsan aseɛ o medɔ
Memfa wo din mmɔ ne me moma so wo din ntare m'akoma so ɛ
Memfa ɔdɔ kaawa nto me kɔn mu ɛ kaawa nsan me nsa so ɛ
Memfa wo din mmɔ ne me moma so wo din ntare m'akoma so ɛ
Memfa ɔdɔ kaawa nto me kɔn mu ɛ kaawa nsan me nsa so ɛ
Mehunu woho na wogyina Tudu o (Ɔda mu baako)
Ɔyɛ soronko (Ɔda mu baako)
Ghananii abayewa bi, ah! Ahoɔfɛ eh eh
Mehunu woho na wogyina Tudu o (Ɔda mu baako)
Ɔyɛ soronko (Ɔda mu baako)
Wabɔ n'ani akyerɛ me ao akoma akasa ama akoma ate afa
[PreChorus]
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Mabɔ nkɔmmɔ pa
Atinka pa
Ma no akɔ wo ho papa ha
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Mabɔ nkɔmmɔ pa pa
Atinka pa
Ma woadi adanse papa ha
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Ma no akɔ wo ho papa
Atinka pa
Ma woadi adanse papa ha
Anadwo yi deɛ me mpa
Bɛyɛ wo mpa
Na me sumiiɛ
Ama wo daeɛ pa
Mabɔ wo nkɔmmɔ pa
Atinka pa
Ma woadi adanse papa, hɛ!
[Chorus]
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a, sɛ sumiiɛ kasa a ebei
Sɛ nka ɔdan kasa o, ah
Sɛ nka ɔdan kasa a
Sɛ nka ɔdan kasa o, ah
Sɛ nka ɔdan kasa a, sɛ nka ɔdan kasa a ah
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a
Sɛ nka ɔdan kasa o, ah
Sɛ nka ɔdan kasa a
Sɛ sumiiɛ kasa o, ah
Sɛ sumiiɛ kasa a, sɛ sumiiɛ kasa a
Written by: Charles Kwadwo Fosu