Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter

Lyrics

Ei baba oo
Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey mama, hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ei, ei mama o, mama
Mɛnhwɛ mma woba o, ɛnna adagya o
Hey mama, hey paapa
Mama ei
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ewiase mu hia yɛ ya o
Oh
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o, oh
Hia yɛ ya o
Ewiase mu hia yɛ ya
Ewiase mu hia yɛ, ewiase mu hia yɛ
Ka na ka
Ka na ka o, ka na ka
Ah ohia yɛ ya
Ei mama o, mama
Mɛnhwɛ mma woba o, ɛnna adagya o
Hey mama, hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ei, ei baba o baba
Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey mama, hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ewiase mu hia yɛ ya o
Oh
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o, oh
Hia yɛ ya o
Ewiase mu hia yɛ ya
Ewiase mu hia yɛ, ewiase mu hia yɛ
Ka na ka
Ka na ka o, ka na ka
Ah ohia yɛ ya
Damfo Adu o mɛmfa anibre o nnane ɔtan, yɛsrɛ wo
Mɛmfa ɛkɔm anibre ntwitwa ntwitwa mpɔahunu
Nkeka sɛ obi sika a wabrɛ anya yɛ sika fi
Sika, ebi yɛ fii?
Sika da bɔɔla so koraa me nua ɛyɛ pa bi o
Na ɔyɛ ɔhene o, ɔhene o, ɔhene o
Ebi hyɛ wo ho a, nka woagyae mpɔatwa yi, ampa
Ha, pɛ bi o na sika ne nipa nkwa
Nyame korɔ no a ɔse
Mma yɛnnwene deɛ yɛbɛdi ne nea yɛbɛda ho no a
Nyame korɔ no ara nso se
Nsa a ɛnyɛ adwuma no deɛ, ɛnsɛ na adidi o
Ɔsoro yɛ ɔboafoɔ o, n'adom
Ɔsoro yɛ ɔboafoɔ ei, na ɔboa nea ɔboa ne ho a
Pɛ bio na sika ne nipa nkwa
Mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ a eh
Sika nso na yɛde tɔ mogya aduro
Hey mama, hey paapa
Papa eh, papa o
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ a eh
Sika nso na yɛde tɔ mogya aduro, ah
Hey mama, hey paapa
Papa eh, papa oh
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Wɔfa bɛwu ama m'adi adeɛ o, adeɛ
Yɛda so te yɛn abc yi mu ara
Ghana de n'ani to abrɔfo so, eh
Yɛda so te yɛn abc yi mu ara
Mayɛ yie o Kwadwo
Yɛnkɔyi no o, yɛnkɔyi no o
Yɛda so te yɛn abc yi mu ara
Sɛ abrabɔ yi bɛyɛ yie a
Ɛneɛ agyina wo ara, wo ara, wo ara
Ɔkwadwofoɔ ɛnkɔ kan ɔsɛnkafoɔ nwoma
Etire du nkyekyɛmu dunkron
Twerɛ kronkron no na ɛse o, ɔse
Sika ɛna ɛyɛ ade nyinaa ara
Praise the Lord
Kala yi deɛ nka
Ɔfata, ɔfata me
Sɛɛ ɔno nso hunuu me no w'adɔ me asie a
Dɔ me ara
Dɔ me, dɔ me
Dɔ me, dɔ me, dɔ me, dɔ me wu ah
Nso boo, adeɛ yi yɛtɔn no soro
Na akyekyedeɛ reyɛ deɛn atɔ, Kwadwo?
Ohia nti ɔdɔyɛwu dame baabi
Dɔ papa a ɔdɔɔ me, ɔdɔɔ me
Ɔde benkum ayɛ me bye-bye, bye-bye, nisuo
Nsɛm nyinaa, Nyame ara na onim a eh
Sika, sika me deɛ, mato ne din sɛ ɔgyeawareɛ
Ɛma ɔdɔ sɔ
Ɛma ɔdɔ sɔ
Sɛ ɛnhyɛ me ho a, nka ɔdɔfoɔ biara mma o
Sika nni hɔ a, Nana Sarfo
Sika din baako ne ɔgye awareɛ
Hey mama hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Charles ei, nea mafa mu nti
Memfa me bra o, na ɛnnyɛ akwadworɔ o
Hey mama hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ewiase mu hia yɛ ya o
Oh
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o, oh
Hia yɛ ya o
Ewiase mu hia yɛ ya
Ewiase mu hia yɛ, ewiase mu hia yɛ
Ka na ka
Ka na ka o, ka na ka
Ah ohia yɛ ya
Ei baba oo
Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey mama, hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ken Asare ei, Jakobuni ba
Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey mama, hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ewiase mu hia yɛ ya o
Oh
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o
Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya
Ah
Ewiase mu hia yɛ ya o, oh
Hia yɛ ya o
Ewiase mu hia yɛ ya
Ewiase mu hia yɛ, ewiase mu hia yɛ
Ka na ka
Ka na ka o, ka na ka
Ah ohia yɛ ya
Kwame ei, Kakari Kuffour ei
Memfa me bra o, na ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey mama, hey paapa
KufKak ei
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Afreh ne Kwamena Akyeampɔn se
Yɛmfa yɛn bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ da
Hey mama, hey paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa ah
Ewiase, nipa bɛnya wo a
Sɛ ɛmfiri ohia a, na ɛfiri yareɛ
Yareɛ yɛ ya, na ohia nso yɛ ya
Whoa
Written by: Charles Kwadwo Fosu
instagramSharePathic_arrow_out