Top Songs By Daddy Lumba
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
Nana Acheampong
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
Lyrics
Ah ah ɛhenfoɔ na ɛtae disturbe anɔpa sei
Lumba's residence
Hello Daddy, Nana Acheampong na ɛkasa yi
Nana ni?
Ahaa na mpomu ɛɛ?
Wonua ɛyɛ kakraa na wonso ɛɛ?
Nyame adom, yɛda Nyame ase
Na mese wote deɛ amanfoɔ keka?
Na hwan na ne apaawa da so anɔpa yi?
Abranteɛ na ɔbeduru nansa yi ara na yefiri aseɛ toto ne din
Abi ferɛ no "borga ayɛ mrɛ"
Abi se "borga me nneɛma mma yɛ"
Ah Ghanafoɔ ne nsɛmka deɛ
Wo kasɛ wodi amanfoɔ ano akyire a, wobɛka obi man so
Saa na ayɛ ma Asante Mampong nni ba Kwaku Gyamfi
A ne mmrane ne Joe, ɔde awerɛhoɔ aka obi manso yi
Aboa biara nso nni soro a owu a ne ntakira mma fɔm
Ɛneɛ saa na ɛteɛ dea, yɛbɛhwɛ na y'asan akɔ y'akyi
Okay Nana bye-bye
Bye
Akosua Serwaa se "meyɛ aka akwantuo mu Nana ee hmm ah"
Nsuta ni ba yi "meyɛ aka akwantuo mu menkoa mebroni oo hmm"
Lydia Acheampong "ɔyɛ aka akwantuo mu Lydia ee hmm"
Abuakwa ni ba yi se "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Daddy Lumba "meyɛ aka akwantuo mu Nana Daddy hmm ah"
Charles K Fosu "meyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Nana Ernest yi ees "ɔyɛ aka akwantuo mu Nana ee hmm ah"
Nana Acheampong "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Adeɛ yi fiti tete ɔdomankroma
Akwantufoɔ ayɛ bi agu oo
Deɛ akokɔ nhunu bi da nie ɛne awommawuo
Mekasɛ meredi ano akyi, akɔso ne ɔhyɛbrɛ no adi asi a
Obi asukɔnoma oo, manhwɛ a mewu aka obi manso Charles yi hmm
Kwaku Gyamfi se "ɔyɛ aka akwantuo mu Joe ee hmm ah"
Ei Mampong ni yi oo, "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm"
Teacher Boakye Seikwa, "ɔyɛ aka akwantuo mu Nana ee hmm"
Yamfo ni yi, "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Ewiase yi boafoɔ yɛ nna oo Lumba ee, menkoaa m'asɛm ni
Menni ɔboafoɔ nti, medi awerɛhoɔ nkoaa akwantuo mu
Makɔduru obi man so oo, akwantufoɔ yɛ brɛ oo
Kwadwo ee mɛdidie mu oo mesu meyare da hɔ mu a
Sɛ asɛm mpo to me a, ɔkamafoɔ wɔ hene oo?
Mesɔ dua mu a na apan me ae, mebɔ bra nso a menhunu ano o
Nti mebɛyɛ yie nie, nsuo eyiri me na obi man so ɔhɔhoɔ ee
Owura Bob se "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm ah"
Dormaa ni ba yi oo "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
J K se "ɔyɛ aka akwantuo mu owura J K hmm ah"
Sweduru ni yi "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Kwadwo Boateng se "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm"
Ne Thomas Owusu ee, "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Ee Kwabena Kokofu, "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm"
Ɔne ne yere Janet se "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Ɛnnɛ ne nansa na Aunty Connie too me nkraboɔ sɛ
Mentwa m'ani mmra fie na mereyɛ akyɛ akwantuo mu
Nso merekɔ nesɛn merekɛ akɔgye deɛn?
Wei ne m'adwendwene a, ama maka akwantuo mu yi
Menkɔ nkɔgye animguaseɛ, animguaseɛ nfata me oo
Kwadwo ee m'ahunu bi pɛn ntira ɛna m'ani abre yi
Nana Ernest kɔɔ yɛ o Daddy Lumba kɔɔ yɛ o
Akosua Serwaa kɔɔ yɛ o Lydia Acheampong kɔɔ yɛ o
Kwaku Soweto kɔɔ yɛ o
Osei Kwadwo kɔɔ yɛ o, Yaw Suspi ee
Ɛdeɛn na nkrɔfoɔ yi anyɛ, ɛwɔ Osiekrom abɔnten?
Nanso ɔmama hoɔ ehi nti nkrɔfoɔ hyɛɛ aseɛ memaa wɔn din
Obi de Burga Apio, obi de Burga Akranteɛ
Burga a ankɔ no yie aa ee burga m'ahunu wo oo
Burga wayɛ mmrɛ oo, burga wayɛ mmrɛ oo
Menkɔ nkɔgye animguaseɛ, animguaseɛ nfata me oo
Nanso meka se meredi ano akyi akɔso ne ɔhyɛbrɛ no adi asi a
Obi asukɔnoma oo, manhwɛ a mewu aka obi manso Lumba ee hmm
Nkrumah Tawiah se "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm"
Gyapakrom ni, "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
George Antwi ee, "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm ah"
Ash Town ni, "ɔyɛ aka akwantuo mu hmm"
Yaw Akwaboah ee, "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Gyaakye ni, "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Maxwell Boateng se "ɔyɛ aka akwantuo mu (Maxwell) hmm ah"
Eii Mampong ni yi oo, "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Yaw Fosu se, "ɔyɛ aka akwantuo mu menko menua yi oo hmm ah"
Nsuta na tee oo, "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Ernestina Fosu, "ɔyɛ aka akwantuo mu menko menuabaa hmm ah"
Nsuta ni ba oo, "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Nana Tutu se, "ɔyɛ aka akwantuo mu (Nana ee) hmm ah"
Ɛbrong ni yi oo, "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Kwasi Eric ee, "ɔyɛ aka akwantuo mu (Akuapim ni) hmm ah"
Suhum ni no no, "ɔyɛ aka akwantuo mu ao hmm"
Owuraku se "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Ashtown Ola "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm"
Daddy Lumba ee, "meyɛ aka akwantuo mu Daddy ee hmm ah"
Nsuta ni, "meyɛ aka akwantuo mu oo hmm ah"
Nana Acheampong "ɔyɛ aka akwantuo mu Nana ee hmm ah"
Abuakwa ni "ɔyɛ aka akwantuo mu oo hmm ah"
Written by: Charles Kwadwo Fosu