Lyrics

Maame se, "Me ba Kwadwo o"
Oh-uh-oh, oh-uh-oh
'Wo tiri mu fitaa nante o, Kwadwo Fosu o, mmm, ah
Sɛdeɛ onipa guo biara ne wiase mu o
Oh-uh-oh, oh-uh-oh
Ɛnoaa nso ara na ɔtwa o me ba Kwadwo o, ah
Enti mpɛ obiara bɔne, gyata anum o, mmm
'Ndwen' obiara bɔne o Kwadwo Fosu o, ah
Enti me ne wo repre deɛn ho?
Me ara me ne wo repre deɛn nti a?
A wode me nam afie mu saa, saa o
Ɛna woresɛe me din, Daddy ei
Woadidi m'ase saa, saa, saa o
Ɛkaa wo nko ara mpo a nka masɛe saa
Nanso onua ei, kae hunu sɛ
Nipa a Onyame ahyira no deɛ
Nipa a Onyame ahyira no
Na sɛ ɛnnɛ Ɔboadeɛ ahyira wo deaa
Atamfo biara ntumi nsɛe o
Oh-uh-oh, oh-uh-oh, ei
Enti, mensɛe da o me wiase yi mu o
Nyame nti
Mensɛe da o m'abrabɔ yi mu o, Kwadwo
Nyame ne me han
Mensɛe da o m'abrabɔ yi mu o
Awurade nti
Mensɛe da o me wiase yi mu o
Oh, ei, Nyame ne me han, oh-uh-oh
Ɔdɔ dɔ me na ɛyɛ wo ahi sei, Koo
Adeɛ yi sɛ obi dɔ obi a na ɛyɛ obi ahi kwa, twa wo yam, mmm
Woresu koraa na mereyɛ o, Koo
Adeɛ yi, deɛ wobɛyɛ biara, me ara na mete soɔ, mmm, ei
Mese me ne wo repre deɛn?
Ɔdɔ baako a manya yi nti ara, nti ara na
Wode me nam afie mu saa, saa o
Ɛna woresɛe me din, Daddy ei
Wadidi m'ase saa
Ɛkaa wo nkoaa mpo a nka yɛasɛe
Nanso, onua ei, kae hun' sɛ
Ɔdɔ a Nyame ahyira soɔ deɛ
Me ne ɔdɔ dɔ yi
Me ne Maa Akua dɔ yi deɛ
Atamfo biara ntumi nsɛe yɛn
Oh-uh-oh, oh-uh-oh, ah
Enti, yɛnsɛe da o, yɛn wiase yi mu o, mmm
Nyame nti
Yɛnsɛe da o, yɛn wiase yi mu o
Nyame ne yɛn han
Yɛnsɛe da o, yɛnsɛe o, mmm
Nyame nti
Yɛnsɛe da o yɛn wiase yi mu o
Oh, uh, Nyame ne me han
Yɛnsɛe da o, yɛnsɛe o
Yɛn deɛ yɛnsɛe, yɛnsɛe da o
Yɛnsɛe da o, yɛnsɛe da o
Mmm, hmm Nyame ne yɛn han
Yɛnsɛe da o, yɛnsɛe da o
Ɔbaa Mercy ei, Mercy ei
Mercy se, ɔnsɛe da o
Mmm, Nyame ne yɛn han
Oh-uh-oh
Yeah, hello, baby
Hello Daddy
Nana, mɛntietie obiara asɛm mfa nsɛe w'akoma woate
Nea ɔrepɛ yɛn sɛeɛ ɛwɔ kokoa mu no
N'anim bɛgu ase wɔ badwam
Ɛnam n'adwen bɔne nti
Ɔbɛkyenkyene asɛe, na yɛda so te a, chaaa, whoa
Oh-uh-oh, oh-uh-oh
Mese me ne wo repre deɛn ho?
Me ara me ne wo repre deɛn nti a, nti a?
Na wode me nam afie mu saa, saa o
Ɛna woreɛe me din, Daddy ei
Woadidi m'ase saa
Ɛkaa wo nko ara mpo a nka masɛe
Nanso obiara nkae nhunu sɛ
Nipa a Onyame ahyira no deɛ
Nipa a Onyame ahyira no
Na sɛ ɛnnɛ Ɔboadeɛ ahyira wo deaa
Atamfo biara ntumi nsɛe wo o
Oh-uh-oh, oh-oh-uh, ei
Enti, mensɛe da o me wiase yi mu o, Kwadwo
Nyame nti
Mensɛe da o m'abrabɔ yi mu o, mmm
Nyame ne me han
Mensɛe da o me wiase yi mu o, Kwadwo
Ei, Nyame nti
Mensɛe da o m'abrabɔ yi mu o, mmm
Nyame ne me han
Mensɛe da o, mensɛe da o
Me deɛ menɛe da o, yo
Mensɛe da o, mensɛe da o, mmm
Nyame nti
Yɛnsɛe da o Ghana mma ei
Esthee ei, yɛnsɛe, yɛnsɛe da o
Yɛnsɛe da o, yɛn wiase yi mu o
Uh, uh, Nyame nti
Yɛnsɛe da o, yɛnsɛe da o
Owura Daddy ei, ei
Ɔse (ɔnsɛe da o, ɔnsɛe da o) mmm
Nyame nti
Ɔnsɛe da o, ɔnsɛe da o
Joe Taylor ei, mmm
Ɔnsɛe da o, ɔnsɛe da o, mmm
Nyame ne yɛn han
Mensɛe da o, mensɛe da o
Daddy Lumba, baamma ei
Mensɛe da o
Written by: Charles Kwadwo Fosu
instagramSharePathic_arrow_out