Lyrics
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe nti
Nti mama paa gyae su wate
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo
Nti dada paa gyae su wate
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Ɔkra Fosu adwoberɛɛ oo
Mekra mese mɛnsu biom wate
Paapa werɛ mfiri wo o, na ɔkra
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Menfa no sei yi a nwu da oo
Mɛnkɔ no nsa nsa saa oo
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ akwantufoɔ
Yɛnsoroma bepue paa ama yɛnho atɔ yɛn o
Ooh
Ooh
Ɔkwantunii mmɔborɔ oo
Nea ɔde sika baa wiase yi mu deɛ
Mekɔ ahyira a, mɛhyira no oo oh
Wama adehyeɛ ayɛ nkoa, wama ɔpanyin ayɛ abɔfra
Wama akɔnnɔ ekum ahiafoɔ saa
Wama Lumba ee maka akwantuo mu saa oo
Obi manso oo
Dada ɛnkyɛnkyɛn wɔ nafe oo ah
Mese na nkwa nkoa na ehia
Mete ase yi deɛ megusu a mereko oo
Wiamu nyɛ nsakra na nti
Ɛmmerepa bɛba ɛnam kwan so
Agya nim ankoakorɛ ahiasɛm
Menim sɛ papa bɛyɛ ama mo o Kwadwo
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Mensoroma bepue paa ama meho atɔ me o
Chief inpector Grace Omane
Ɔse ɔnfa no sei nwu da
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo
Nti dada paa gyae su wate
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Akyem ni ba a ɔnom Birem mu
Akua Abigail ee, gyae su
Gladys Adobea, Efiduase ni ba ee, gyae su wai
Sister Yaa Boadiwaa, sister Nimfa ee gyae su
Yaa Mercy ee, ɛmma mo nsu biom da
Dabi dabi ɛbɛyɛ yie
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe nti
Nti menua mmaa mongyae su oo
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Monsoroma bepue paa ama moho atɔ mo o
Ohia adwodwo ɔkatakyie
Ohia sɛi ɔman ba oo
Me susuiɛ nyinaa aka metiri mu
Sɛɛ ɔsoro adeɛ ɛyɛ fɛ asoroboa na ɛtɔ
Akɔnnɔ bɛkum ohiani ba oo
Akɔnnɔ n'akɔnnɔ n'akɔnnɔ bɛkum ahiafoɔ kwa oo
Mensu biom da
Dada dabi ɛbɛyɛ yie
Ɔyɛfoɔ bɛyɛ mea akɔ si deɛn?
Me mmre nsoɛ nti na ɛyɛ wo sɛ wo hoɔden saa
Mese wonsa bɛgyene dabi ama ɛkwan mu ada hɔ
Agya beyi meyɛfoɔ adi oo, ama meyɛfoɔ afɛre
Sɛkyerɛni ba Ama Saah woboɔ ni oo na wo
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Asew asew eei
Abena Adomah oo
Kwabena Boahene a gyae su
Wo ne wo hene Faustina Boahene ee
Toronto a na ɔteɛ Eric Akuko gyae su ɛ
James Adom ee gyae su, wo ne wo yere sister Mary ee
Mary oo, ɛmma monsu biom da
Dabi dabi ɛbɛyɛ yie
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe nti
Nti menua mmaa mongyae su oo
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Ɛnsoroma bepue paa ama yɛnho atɔ yɛn o
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo
Nti mama paa gyae su wate
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo
Akosua Badu ee gyae su wate
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Wonsoroma bepue paa ama woho atɔ wo o
Yɛse nkyɛnkyɛ wɔ nafe oo
Nti menua mmaa mongyae su oo
Dakoro dakoro, dakoro bi deɛ ɛba oo
Ɛnsoroma bepue paa ama yɛnho atɔ yɛn o
Written by: Charles Kwadwo Fosu