Similar Songs
Lyrics
[Intro]
Mese asɛm bi aha me mɛka
Asɛm bi aha me
Asɛm bi aha me
Asɛm bi aha me mɛka mɛka mɛka mɛka mɛka
[Verse 1]
Tie, nokorɛ yɛ ya, nso ɛwɔ sɛ meka
Na medɔfo paa ɛne Rita
Neɛ ɔpɛ meyɛ ahodeɛ ne sika
Mahwɛ ne abusua ama abi aka ne Nana
Menam bosuo mu anɔpa brɛ na wada
Meteeɛ na osi dan wɔ Bantama
Ɔdɔ ne madamfo bi ayɛ kanana
Matɔn makoma ama ɔbonsam ankasa
Jack gyae, wodeɛ twɛn na meeba
Ɛnyɛ nsɛm ne nyinaa mpo na mepɛ sɛ meka
Neɛ akɔ mɛni kyɛn mɛko ne wesa
Medwen ho na ma bore na me turkey aba
Nsɛm no meebɛ hwie agu hɔ yɔɔɔ
Nsuo taa apɔnkyirenii a ɔgye "wɔɔ"
Mehyiaa memenda December 24
Awia ketekete bi wɔ Odorkor
Na ewuraba yi agye ne apampam store
Ɔtɔn gyeene koobi and many more
Ɛnfa meho ɔdɔ nti, mese mɛhwɛ no
Mede ka ato ka so san de mekoma ama no
Agya mpanyin sɛ yɛto kwadu a yegyam ho
Menkɔ te a meete sɛɛ mede meto bɔ adwe
Ɔdɔyɛwu pɛ sɛ ɔto me paa hwii
Bɛhwɛ ɔde A bɛ dane me B
I swear papa nyɛ hwee a bɔne nso nyɛ hwee
Mempɛ ne toto, mempɛ ne noa
Sesa wo nneɛma, meegye me dan safoa
Kɔ mabrɛ, nipa nnyɛ aboa aba
Nipa nnyɛ aboa
[PreChorus]
Ei ei ei
Sɛɛ na wo werɛfi oo
Enti saa na wiase nipa nkyɛ na ne werɛ mfi oo
[Chorus]
Twe wo ho ɛɛ
Mese mabrɛ
Sɔfoɔ meho mmɔ meho so asɛm aha me mɛka no plain plain
Twe wo ho ɛɛ
Mese mabrɛ
Obrafour meho mmɔ meho so asɛm aha me mɛka no plain plain
[Verse 2]
Obrafour
Towobo
Ma mensɔ wo so
Barima bi blofo ɔbaa bi so
Bɛdɛ ayeyie ɛne suminaso
Wonni bi na wano dɔkɔdɔkɔ te sɛ ɛwoɔ
Megye wo taataa ama ayɛ nipa foforɔ
Ɛnɛ maseda ɛne sotrɔ
W'ahoɔden abedwa a kɔ hyɛ akura bi ase dɔ
Ei, saa na woteɛ?
Mewɔ bi no deɛ, wone me te sɛ nkwate nkwan ne abeteɛ
Ahyeaseɛ no na wonni kotoo
Ɛnnɛ wonsa so w'akyire me kasa a, woto blow
Kwabena, sɛ w'ansusu wo saa?
Ɔdɔ sa a, na ato adapaa
Gyae ahunahuna ɛne patapaa
Wopɛ nkwan pa a, kɔdi paa
Sagaa
Asɛm bi nti na Kwaata mɛtu bata
Maga maga gyae ɛnyɛ metipɛn ne Tarkwa
Akos ee, kakyerɛ no ma sɛ
Akwantu a yɛɛ yi, ɛnyɛ patapaa
Woama mɛhunu sɛ mbarima mu gu ahodoɔ
Ɔkyeame Kwadwo Kumi asɛm yi abɔ me so
Ɛyɛ na me kasa ho a na mano popo
Neɛ wayɛ me yi deɛ mada me ho so
[PreChorus]
Enti saa na wiase nipa nkyɛ na ne werɛ mfi oo
[Chorus]
Twe wo ho ɛɛ
Mese mabrɛ
Sɔfoɔ meho mmɔ meho so asɛm aha me mɛka no plain plain
Twe wo ho ɛɛ
Mese mabrɛ
Obrafour meho mmɔ meho so asɛm aha me mɛka no plain plain
[Verse 3]
Yo, na this one bi pure ɔdɔ pilololo
Mede me tiri den, "ban" asi koto
Woadwen dabiara wo hunu me ɔkwaadonto
Pua hyɛ me mmaa kaba, ntwontwontwon
Seilewa, betwa kɔ meyɛ tintinto
Wode yɛɛ me mɛnsu nti wose ɛnyɛ me ya
Aane aben ɛho adwo bra bɛfa
Woal wo kaasɛ y'ankoto a yɛda?
Woankasa dwen ho ɛnnɛ mmrɛ mu boi yi a boi
Ɛntontom mpo sɛ onsuro mosquito coil
Panyin mu te sɛ me na wobɛyɛ me toy
Me? This time you dey loi
Akosua wonso saa na ɔbɛyɛ a yi no fly
Madamfo no no ne suban nnyɛ ɛyɛ ne suba life
Menua baa tie tie, ɛntwe no tentan
Kyerɛ no ewiase ɛnkyɛ na nipa werɛfi
Mfitiase mɛni tua wo, na wonni bi
Ɔbaa yi kɔ brɛ pɛ ba noa ma wo di
Ɛnnɛ Kwaku se ne nsa so nɛkyire
Ewurabena kɔ ka a na twɛdeɛ hyɛ ntoma mu
Yɛ kaaɛ, etua wo nyonko ho, etua dua mu
Ewura mese asɛm yi bɛ ha woa dwedwa mu
Kanea shade no mu ayɛ fii a yi na popa mu
How? Adɛn nti na ɛwɔ sɛ obu wo kwasia?
Yi no si amɛkɔ mu, simple and tietia
Ɛma no nni woakyire nkɔ duru Kejetia
Ɔyɛ private a wonso woyɛ commercial
Ɛdeɛn ni, ɔdɔ wei yɛ too artificial
Ma no nkɔ anya antɔ a anya antua
[PreChorus]
Ei ei ei
Sɛɛ na wo werɛfi oo
Enti saa na wiase nipa nkyɛ na ne werɛ mfi oo
[Chorus]
Twe wo ho ɛɛ
Mese mabrɛ
Sɔfoɔ meho mmɔ meho so asɛm aha me mɛka no plain plain
Twe wo ho ɛɛ
Mese mabrɛ
Obrafour meho mmɔ meho so asɛm aha me mɛka no plain plain
Written by: Michael Elliot Kwabena Okyere Darko