Top Songs By Sarkodie
Similar Songs
Lyrics
[Verse 1]
Ɔhemaa twa wonanse
Gye w'ani mma bibiara nhaw wo
Me no me te ɔdɔ ase
Hyɛ mpaboa na aboa bi anka wo
Gyae su pepa w'ani ase
Ɛmma wiase adwendwen mfa wo, uh
Bra na begya me kwan ɛɛ na w'ankasɛ m'ankra wo
Abena m'adwen wo ho akyɛ, m'adwen wo ho akyɛ
Nea wopɛ ne m'asɛdeɛ, mennim koraa ɛwɔ sɛ me sua yɛ
Ka asɛm dɛ bi gu m'asum, na obiaa nyaa anka ɔpɛ
Abena Amponsa, tumtum bronii ahoɔfɛ
Nsɛmhunu deɛ pii kwa, wobɛte abrɛ nti gyae su
Popa w'anim nesuo na meyɛ mmfomso koraa kae hu
Sɛ ɔdɔ me wɔ mawo dɔɔso m'akoma nie nti wopɛ aa, pae mu
Fa me si wonsa nifa so m'atena wiase akyɛ metae hu, ɔdɔ
[PreChorus]
Mede, ɔpɛ pa ne akoma pa na ɛde dɔ wo ooo
Wagye m'ahoɔden nyinaa
Menni obi foforɔ ka wo ho, wosom mebo fi sɛ ɔdɔ mu duru oo
Enti ɔdɔ kae sɛ, meho nsɛmnsɛm
Ɛtɔ dabi a, ebebu w'abam
Medɔ wiase, ɛmma obi ntente yɛntam
Fisɛ ɔdɔ pa yedi no akoma mu
Yeah-eh
[Chorus]
You are always on my mind
And forever in my heart, medɔ eh
You are always on my mind
And forever in my heart
[Verse 2]
Entietie nkorɔfo ano na ɔdɔ no mekuta no dan ma
Yɛbɛ wo abɔfra, ato no din, Kyeiwaa Diana
Wɔmo se megyaa wo, busa sɛ na mo mu hwan koraa na
Onim me dɔfo sen me yɛndɔ no y'antɔ no China
Ɛnya ade a m'egyaa wo m'engyegye wo kokoso nkɔgyaa wo subunu ani
Ɛmrɛ aa mehuu wo aa na mr kaa tim ade mepɛ aa ni
Adwendwen gu wo woti so aa, soa bɔkɔɔ fa bɛgu mekɔn akyi
Nya abotrɛ na menhyɛ wo kawa na nsɛm bi sɛɛ de ɛtaa si
Mendi yaw na mehu w'anim nesuo na me teetee
Fa w'ani to fam, ɛda aa w'ani bɛgye biaa na me sresre
Wo yɛ ɔhemaa sa adowa, mede wo bekyia amansan
Abena mebrɛ ma wo, sɛnea akokɔ brɛ ma nkwan
[PreChorus]
Mede, ɔpɛ pa ne akoma pa na ɛde dɔ wo ooo
Wagye m'ahoɔden nyinaa
Menni obi foforɔ ka wo ho, wosom mebo fi sɛ ɔdɔ mu duru oo
Enti ɔdɔ kae sɛ, meho nsɛmnsɛm
Ɛtɔ dabi a, ebebu w'abam
Medɔ wiase, ɛmma obi ntente yɛntam
Fisɛ ɔdɔ pa yedi no akoma mu
Yeah-eh
[Chorus]
You are always on my mind
And forever in my heart, medɔ eh
You are always on my mind
And forever in my heart
[Verse 3]
Ɔdɔ no si wo aa ɛsɛ wo si
Maka no penpen
Ntientie amansan
Wone obiara mpre hwee
Medɔ wiase mede m'akoma anwene wo prɛbuo
Kae sɛ wonti aa na mɛsi m'adwenepɔ
I wish one day, you will become my wife
For life
I wish one day, you will become my wife
For life
Yeah-eh
[Outro]
Wonkoa-wonkoa-wonkoa-wonkoa-wonkoa, aah
Menni obiaa ka woho oooo
Hemaa Awurama eeeee
Ahoɔfɛ eeee
Wonkoa-wonkoa-wonkoa-wonkoa-wonkoa, aah
Menni obiaa ka woho oooo
Hemaa Awurama eeeee
Wonkoaa, eh
Written by: Christopher Michael Taylor, Kwabena Adjepong, Sarkodie