Credits
PERFORMING ARTISTS
Obrafour
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Joseph Nana Ofori
Songwriter
Lyrics
[Verse 1]
Yɛkɔgyina baabi na sɛ yɛfrɛ mo a, ɛnyɛ adebɔne
Ghanaman mu a yɛabu yi ɛnnɛ, yɛpɛ kwan terenee
Nsɛnkyerenee kyerɛ sɛ, Ghanaman no, ɛmpɛ nsɛmmɔne
Kofi Babɔne, merebɔ kɔkɔ, gyae nnebɔne (Ghanafoɔ ei)
Kyerɛma Asante, bɔ twene kyerɛ Ghanaman sɛ montie
Me nie, Obrafour, mewɔ fahodie
Nkrumah mmɔdenmmɔ mu dwumadie mu nkunimdie (Ɛhɛ?)
Hunu sɛ, yɛn ara asaase ni, ɛyɛ aboɔdenden ma yɛn
Mogya no a nananom hwiee gu nya de too hɔ maa yɛn
Dom yɛn, boa yɛn, gye yɛn
Aduru me ne wo nso so sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ bi atoa so
Muamua so, kata so, ɔman yi mu deɛ, ɛmma so (Ɛmma so)
Ɛnnɛ, yɛbisa wo deɛ woayɛ ama ɔman Ghana, wobɛka sɛn?
[Bridge]
Lawyerfoɔ, dɔkotafoɔ, ma memmusa nursefoɔ
Adwadifoɔ, driverfoɔ, ma memmusa fitafoɔ
Akuafoɔ, tailorfoɔ, ma memmusa barberfoɔ
Soldierfoɔ, tikyafoɔ, ma memmusa sukuufoɔ
[Verse 2]
Obrafour, Ghana Rap Sofoɔ
Mese, mesrɛ amanfoɔ
Mo nyinaa monyɛ baako, firi sɛ yɛte faako
Prayɛ wɔ yi, sɛ woyi baako a na ɛbu
Wokabɔ mu a, ɛmbu
Korɔbea Asante Kɔtɔkɔ
Wokum apem a, apem bɛba is the motto
Yɛmfa nkɔto lotto
Panin mmu mmofra no, yɛse monya ntoboaseɛ ne ahobraseɛ
Obuo ne nnidie na mo nkoto
Bible kyerɛ sɛ "Di w'agya ne wo na ni"
"Wo nkwa nna so aware wɔ asaase yi so"
Enti monyɛ brɛbrɛɛ
Ghana yɛ me ne wo dea
Sɛ yɛka bɔ mu a, na ɛbɛyɛ yie, ah-huh
[Chorus]
Otwereduampɔn Kwame, nsa (Wiaw)
Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (Wiaw)
Nananom nsamanfoɔ, nsa (Wiaw)
Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)
Otwereduampɔn Kwame, nsa (Wiaw)
Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (Wiaw)
Nananom nsamanfoɔ, nsa (Wiaw)
Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)
[Verse 3]
Wo wɔ hen? Gyina nkyɛn! Ɔfoforo ntwe mmɛn (Ah-huh)
Megyina ha ma Ghana
Mefrɛ Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah
Yɛbɔ wo din, wo deɛ woyɛ ntin
Wode wo nyansa na ɛgyee Ghana too hɔ bɛyɛɛ ɔhen
Ewim yɛɛ dinn, 'borɔfo koma bɔɔ birim
Efirisɛ wɔhunuu sɛ w'akokoɔduro mpo dɔɔso te sɛ nwiin
Dr. Kwame Nkrumah, wo de wo nyansa te sɛ nsoroma
Afrikaman mu nyinaa, yɛgyee wo too mu sɛ wonim nnwoma
Bapɔnmma, w'ani ate, 'Sabarima
W'ani afiri te sɛ aborɔnoma
W'adom ne w'adaworoma, woama Ghana anya faahodie
Wiase amansan nyinaa, mo nso monyɛ aso na montie
[Verse 4]
Krekete, Bibinii, ma wo homene so
Krekete, Adehyeman, ma wo homene so
Krekete, Asantenii, ma wo homene so
Krekete, Fantenii, ma wo homene so (Ghanafoɔ ei!)
Krekete, Ayigbenii, ma wo homene so
Brekete! Kwahunii, ma wo homene so
Hausa, Akuapem, Akyem, Bono, Dagomba, Nkran
Ghanafoɔ nyinaa (Ghanafoɔ ei!)
Afei merebɛgu nsa
Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah, bra bɛgye nsa
Nananom mpaninfoɔ a mode mo kra too hɔ
Gyee Ghanaman maa yɛn nso, yɛreto nsa
Afrɛ mo, ne Ghana abusua biara nsamanfoɔ sɛ mommɛgye nsa
Monnyina yɛakyi akyigyinapa, yɛsrɛ sɛ mommma ɔdɔ nsa
Nipa bɔneni a ɛkaa ne nko ara Ɔman Ghana anim bɛ gu aseɛ deɛ
Momma no mmɔ ne tiri so
Ɔman Ghana nkwa so, ɔmanpanin nkwa so
Ɔbrafoɔ, me nkwa so
Amammerɛ kwan so, yɛnkɔ, ah-huh
[Chorus]
Mese Twereduampɔn Kwame, nsa (Wiaw)
Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (Wiaw)
Nananom nsamanfoɔ, nsa (Wiaw)
Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)
Otwereduampɔn Kwame, nsa (Wiaw)
Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (Wiaw)
Nananom nsamanfoɔ, nsa (Wiaw)
Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)
Otwereduampɔn Kwame, nsa (Wiaw)
Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (Wiaw)
Nananom nsamanfoɔ, nsa (Wiaw)
Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)
Otwereduampɔn Kwame, nsa (Wiaw)
Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (Wiaw)
Nananom nsamanfoɔ, nsa (Wiaw)
Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)
[Outro]
The Last Two!
Written by: Joseph Nana Ofori