Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Daddy Lumba
Producer
Lyrics
Ɔnboa ma yɛn yi Nyame ayɛ yi
Me fura ayeyi nnwom me hwehwɛ no oo
Akokyɛm Nyame a, wo sipi oo na woyɛ nokwarɛ daa
Wɔnboa oo, wɔnboa wɔnboa ma yɛnda Nyame ase oo ah
Daadaa Nyame oo, wo sipi oo na woyɛ nokwarɛ daa
Ɔyɛ daadaa daadaa Nyame no a
Ne bɔhyɛ nsesa da oo
Ɔyɛ tete tete Nyame no a
Papa ee
Ɔyɛ daadaa Nyame nti osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Magya nim me o, osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Ɔyɛ daadaa daadaa Nyame no a
Ne bɔhyɛ nsesa da oo
Ɔyɛ tete tete Nyame no a
Ɔyɛ daadaa Nyame nti osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Nti osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Ɛdɔm mmoa me na me nyi Nyame ayɛ
Me fura ayeyi nnwom me hwehwɛ no oo
Akokyɛm Nyame a, wo sipi oo na woyɛ nokwarɛ daa
Bɔ wonsa mu ma me o, na me nyi Onyame ayɛ
Me fura ayeyi nnwom me hwehwɛ no oo
Akokyɛm Nyame a, wo sipi oo na woyɛ nokwarɛ daa
Ɔyɛ daadaa daadaa Nyame no a
Ɔyɛ tete tete Nyame no a
Daadaa Nyame ee
Ɔyɛ daadaa Nyame nti osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Magya nim me o, osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Ɔyɛ daadaa daadaa Nyame no a
Ne bɔhyɛ nsesa da oo
Ɔyɛ tete tete Nyame no a
Magya ee
Ɔyɛ daadaa Nyame nti osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Nti osipi oo na ɔyɛ nokwarɛ daa
Ɔbɔnefoɔ no ɛhwease a ɔnsɔre oo na ɛnyɛ deɛ Onyame ahyira no
Sɛ ɔhweaseɛ mperɛn du mpo a, ɔbegyina ne nan so
Nti mehweaseɛ mperɛn du mpo a, masɔre
Daa mensɛe da ee
Daa mensɛe da oo Nyame oo
Wiase wiase koraa Charles ee
Daa mensɛe da ee
Daa mensɛe da oo Nyame oo
Tebea a mekɔɔ mu yi paa
M'anwu paa deɛ Onyame tease oo
Tebea a mefaa mu yi paa
Ɛnyɛ me mma yi anka mɛwu oo
Neɛ ɔpɛ aka kaa yɛ oo
Neɛ ɔpɛ ate tee yɛ oo
Yɛ bɔɔ no dawuro, m'anwu oo Onyame gye me oo ah
Ɛnnɛ menni hwee koraa, me wɔ Yesu oo me wɔ nkwa oo
Wiase nyinaa po me a, me wɔ Awurade oo me wɔ nkwa oo
Deɛ ɔne neba bɛyɛ no, agye deɛ adwen mpo nsusu da oo
Deɛ ɔne neba bɛyɛ no, agye deɛ adwen mpo ndwendwen da oo
Neɛ Onyame tumi yɛ, na woreka yi anaa?
Paapa hyira wo a, na w'ahyira wo
Ohyira wo a, na w'ahyira wo
Paapa hyira wo a, ɛyɛ adom nkoaa
Na neɛ Onyame tumi yɛ, na woreka yi anaa?
Sɛ woreka ka no kɛseɛ oo
Na neɛ Onyame tumi yɛ, na woreka yi oo?
Ɛma ahomeka na ka no kɛseɛ
Na neɛ Onyame tumi yɛ, na woreka yi anaa?
Paapa nhyira wo a, na w'ahyira wo
Na neɛ Onyame tumi yɛ, na woreka yi anaa?
Na neɛ Onyame tumi yɛ, na woreka yi oo?
Written by: Charles Kwadwo Fosu