Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
Pat Thomas
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Daddy Lumba
Producer
Lyrics
Ɛyɛ a na mokeka sɛ, agya bi wu a agya bi te ase ampa
Maam Fowaa asɛm nie, ɔse sɛ agya bi wu a agya bi te ase ampa
Yee odede montie, agya bi wu a agya bi te ase ampa?
Agya bi wu a agya bi te ase a
Sɛ bi te aseɛ paa ɛyɛ a monkyerɛ me ɛ
Ɛyɛ a na mokeka sɛ, agya bi wu a agya bi te ase ampa
Maam Fowaa asɛm nie, ɔse sɛ agya bi wu a agya bi te ase ampa
Yee odede montie, agya bi wu a agya bi te ase ampa?
Agya bi wu a agya bi te ase a
Agya bi te aseɛ paa ɛyɛ a monkyerɛ me ɛ
Mea na me ni awuo o
Agyanka eee
Mea na me se awuo a
Agyanka eee
Ama Saah awu o
Agyanka eee
Ɛnɛ mayɛ agyanka ba
M'adane abusua panin amono-amono
Agyanka eee
Ɛna te aseɛ no na ɔsom abusuo oo
Na ɛyɛɛ m'adwene sɛ
Nka abusua bɛte n'ani ahwɛ ne mma yi ɛnɛ
Nso ɛna akɔ wu ama ade ayɛ ne mma ya oo
Afei na m'agye adi sɛ
Ɔheneba ne deɛ ne deɛ te aseɛ oo
Ɛnɛ mayɛ abusua kraman
Sɛ mo su a, mebua da
Sapɔfunu yɛ pɛ me dahia da oo
Eno awuo oo, maame awuo oo
Ɔbaatanpa na ɛkorɔ no
Ama Saah ama medi awerehoɔ nnɛ
Ɛnti ɛkoɔna abusua ee
Ɛkoɔna abusuo ee
Mose agya bi wu na agya bi te ase a
Connie kɔ paa a, monkyerɛ me ɛ
Agyanka ee, monkyerɛ me
Monkyerɛ me sɛ mewɔ abusuafoɔ
Monkyerɛ me sɛ ɛna de me gyaa mo ooo
Monkyerɛ me ɛ
Monkyerɛ me sɛ mefri abusua mu
Monkyerɛ me sɛ Ama de me gyaa mo
Monkyerɛ me ɛ
Agya bi wu a agya bi te ase a
Agya bi wu a agya bi te ase a
Monkyerɛ me ɛ
Agya bi wu a agya bi te ase a o
Sɛ bi te aseɛ paa yɛ a monkyerɛ me ɛ
Bra bɛgya wo amantɛm sa yi
Na fa wontoma bɛbɔ me deɛ ano ɛ
Deɛ woofa mu yi, m'afa mu dadaada
M'asie maame afeda ni
Ama Takyiman kɔɔ yɛ ɛnnii nna oo
Enti ma memfa duku mmɔ wo yam, Kwadwo
Fidie kye aboa a, ɛwɔ sɛ deɛ ɔsu
Egyae no a, ɔsu soronko
Nipa suban dane tesɛ afenhyiaboa
Maame wu yɛ yi ɛna m'ahunu
Yɛsi wɔn anan mu a ɛnyɛ yie ee
Kwadwo Fosu akyitaafoɔ
Ama Akoatah ama ofie ada mpan
Ama ee, wiase bɛkae wo
Yɛsi wɔn anan mu a ɛnyɛ yie eee
Ama Saah eee
Agya bi wu a agyabi te ase a
Maame awuo oo Monkyerɛ me
Agyanka eee, monkyerɛ me
Monkyerɛ me sɛ mewɔ abusuafoɔ
Monkyerɛ me sɛ ɛna de me gyaa mo oo (monkyerɛ me ɛ)
Monkyereɛ me sɛ mefri abusua mu
Monkyereɛ me sɛ Ama de me gyaa mo
Monkyerɛ me ɛ
Agyabi wu a agya bi te ase a
Agyabi wu a agya bi te ase a
Agyabi wu a agya bi te ase a o
Sɛ ɛbi te aseɛ paa a, monkyerɛ me ɛ
Written by: Charles Kwadwo Fosu