Lyrics

Yaanom
Omanhene Pozo
Maka me ho biom
Na mose dɛn?
Along side, Alhaji K. Frimpong
Dada wowɔ hen mɔnkɔ ah
Ah, ah, agyei
Yi wo nan no
One time for your mind
Alhaji K. Frimpong
Come on come on come on
Boogie it out baby
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah agyei
Oh ah, agyei, oh ah agyei
Yɛse aboa bi bɛka wo a, maame na efiri wo ntoma mu
Nsuo ma bɛba wo dam mu soso a, na efiri wo mpoma mu
Ɔtan ne ɔdɔ mmienu nyinaa nso wɔ akoma mu
Tesɛ nea nsuo bucket mmienu wɔ ahiana mu
Nti suro nipa na gyae ɔsaman, na nipa hu ehun sɛn kaakaamotobi
Ɔbɛka wo asɛm ama no abɔn wo ho sɛn totobi
Adi wo bɔne wɔ mmre koro a w'ani nda wo ho so ama no atɔ wo so
Wɔde wo ato fɔm koraa na woguso gyina wo so
Asɛm aha me paa nanka menka da
Asisi me so Pozo menka a, mentumi nna da
M'adwane efiri Ghana ɔhyew yi mu
Akɔ tena Kwasi broni awɔ yi mu
Adware Akwasi Broni funu
Enya sika de amane fie sɛ yɛnfa si dan ma me a
Na me wɔfa ɛne me nuanom nyinaa akyɛ sika no adi
Asendi me obi dan ho pictures
Asan atwerɛ me letters sɛ wɔnom asisi pillars
Me wɔfa adi me sika de nkaeɛ no ahyɛ bitters
Afei ohunu me a, na ɔne mekɔ hundred meters
Menkye no nto mu anaa menbo no nkum no?
Akoa yi adi me awu, adwane akɔ tetɛ Kumawu
Manya sika, sima, m'akoma
Ɛnyɛ saa, Omanhene Pozo, mɛku nipa
Meka me papa, yɛnfa bɔne ntua bɔne ka
Anka metwe mu sɛ kɔsi da a, mɛgye m'adaka
Masan aba o, masan aba o
Mekɔɔyɛ a, m'ani na anso o
Ɔdɔ e, m'ara me ni
Na akoa bi de mpaboa atia me o
Sɛ ɔnnisɛ bi de kɛseɛ bi akoa ne me o
Akoa bi de mpaboa atia me
Na sɛ ɔnnisɛ bi de kɛseɛ bi akoa ne me o
Na kyɛnkyɛn bi adi m'awu o
Oh ah, kyɛnkyɛn bi di m'awu o, agyei
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah agyei
Oh ah, agyei, oh ah agyei
Beebia, Nyankopɔn bɔ n'ampesie no
Ɛhɔ ara na sasabonsam nso, toto ne mɔmɔne
Adwenbɔne, woanka sɛ wodi mu a, yɛyi wo ayibɔne
Wohu sɛ owuo reba a, papa, mese, wodwane
Me yɔnko Kwaku a, me ne no bɔ kosua ɛtafreɛ
Yɛn nkɔa na di nkolaabɔ yɛn nkolaa bra mu
Na yɛgaazi ma kra saeto
Adeɛ a, wode ayɛ me, o, ma paddy Akoto
Woama me life retwa ne ho te sɛ alikoto
Ansaana mɛka m'asɛm no, momma mentwe me last boto
Adanfo paa ni
Wo ne me ba di agorɔ, mengye adwenbɔne mma wo
Nso wafa ho adi no abrɔ
Nka ma obi nfa nyɛ me na menkɔbɔ no asotrɔ
Ɔbaa a, me ne wo agye sɛ, daakye yɛbɛware
Beebia wodaayɛ na woama no abɔ me yareɛ
Ɛyɛ woyɛ saa a, ɛyɛ?
Me ne wo ara o, anka me ne wo ara o, ɔdɔfo e
Mede me dɛ ama me dɔfo yi
Ɔno nso de ne dɔ ama me
Yɛn nyinaa tɛ ɔdɔ mu na mese merekɔ beebi maba
Ɛsansɛ menni sika nti, na obi agye me dɔfo yi ɛfiri me nsam, o
Ei, na ɔdɔ bɛn ni, ɔdɔ bɛn ni, ɔdɔ bɛn ni, na yɛnhu ano yi
Ɔdɔ e, m'ara me ni
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah agyei
Oh ah, agyei, oh ah agyei
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o, kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah
Kyɛnkyɛn bi adi m'awu o ah agyei
Oh ah, agyei, oh ah agyei
Written by: Alhaji Frimpong, Appiah Dankwah, Emmanuel Amponsah, Joseph Nana Ofori
instagramSharePathic_arrow_out