Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
Lyrics
Auntie Maggie ee, ɔdɔ wo teaseɛ anka mɛdidi dadaada
Ɔheneba menyaa obi ama no ase President Mills
President Kuffour ne JJ sɛ, Baah Wiredu dayɛ w'ansɔre oo
Aseda ni na ama y'ato nsukwa nnwom yi oo
Yaanom na ɛkwan biara oo, saa nso na ɔbɔfoɔ ɛnnyɛ oo
Ɛdeɛn na ɛyɛ haban yi ase dede yi
Akɔkɔwa gyae su bebirebe yi
Afia, gyae nkwantia su no aa
Ghanaman mo mbra begya me oo
Odiewuo awu agye me yayaayaw, nti medi awerɛhoɔ
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, Nyame mfa wo nkɔ oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, bye bye oo
Yaanom ee, montie me a oo
Me na m'ayɛ sɛ akwanso tifi
Kɔ yi kuruwaa mmienu ɛde Asante nkwa bedi awu oo
Ei mommy ee, adeɛn na ɛbaa Sekyere Jamase nti a
Ama atumpan no ayɛ ma yi oo, ɔde owuo ba na w'awuo
Afei nso Baah Wiredu aa, ɔde ne te asom man no bɛwu o
Ɔno na owuo de no kɔ yi oo, aa eh
Yaanom ee na yɛ se bɔfoɔ atu mono ao
Ama awerɛhoɔ ahyɛ me ma
Ɔde owuo ba adaka tia, ɛna yɛnkyire no ongyae
Adaka tia, mewu a meda mu oo
Adaka tia, mewu a meda nkwankyɛn
Adaka tia, mewu a meda mu oo
Adaka tia, mewu a meda nkwankyɛn
Yaanom obereku besu anadwo ayɛ din oo, tuo mu da mpan
Nka fa nyinabɔni bi ntena ano
Nti sɛɛ ɛyɛ ampa sɛ, me dehyiɛ na owuo de no kɔ yi oo
Ah, owuo ei
Ɔdɔ mewu a ma nsuo adwiri, ɛna panyin awu ama awerɛhoɔ aba oo
Akoa agyinamoa anka wo wɔ fie, w'awu ama awerɛhoɔ aba fie wai
Asamando yɛnnkɔ ao Baah Wiredu nka yɛbɛkɔ akɔ gya wo oo
Owuo deɛ ɛdeda amansan kɔn mu ah
W'adikan a Nyame mfa wo nkɔro oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, Nyame mfa wo nkɔ oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, bye bye oo
Nana Nyame ama me yefunu asi me ɔhemaa
Nso owuo ayi me baako ama me
Abusua ahwedeɛ bu nkuruwaa ee
Nanso yɛndeɛ na owui de no kɔ yi oo
Na ama yedi awerɛhoɔ nkoaa, saa deɛ owuo sei adeɛ oo
Nana Addo Danquah se adua kɛseɛ bi disi da
Yetumi pae a anka yɛde ɔdame na ɛpae
Nti biribia wɔ n'awieɛ oo
Nti Baah Wiredu deɛ ɔkɔ oo
Afei deɛ atamfo bo adwo oo
N'atamfo mpɛ hyire bi mbɔ ɛɛ
Ɔse atamfo gye ne tiri boɔ oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, Nyame mfa wo nkɔ oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, bye bye oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, Nyame mfa wo nkɔ oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, bye bye oo
Nana Baah Wiredu ee
W'awu ama awerɛhoɔ aba fie oo
W'awu ama womma yi ayɛ mmɔbɔ
Paapa ei, Nyame mfa wo nkɔ oo
Nana Baah Wiredu ee
Written by: Charles Kwadwo Fosu