Credits
PERFORMING ARTISTS
Daddy Lumba
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Daddy Lumba
Producer
Lyrics
M'anim nkoara asɛ akroma nanso menkyere nkokɔ
M'anim nkoara asɛ akroma daddy ei nanso menkyere oo
Medeɛ mefura ntomago nti no ɛyɛ a na mempɛ mpipiragorɔ da
Kwadwo medwen me ho ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Daddy ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ ee
M'anim nkoara asɛ akroma nanso menkyere nkokɔ
M'anim nkoara asɛ akroma daddy ei nanso menkyere oo
Medeɛ mefura ntomago nti no ɛyɛ a na mempɛ mpipiragorɔ wate
Medeɛ medwen me ho ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Daddy ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Kwadwo ɛyɛ a na medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ ee
Ama Saah awo me ato amena mu
Kwadwo a menni bi e mmɔbɔ
Me tenten tenten amanfoɔ
Ɛyɛ a na mennuru ɛsoro da o
Maame na nya a anka ɔbɛyɛ nso ɔregye daamu atu serɛ
Nipa nua ee mebɔbrɛ mu nie
Nti na ɛyɛ a m'ayɛ dinn
M'ayɛ meho akyekyedeɛ
Mene ɔsoroboa nkɔ ko da o
Menkɔka na obi abɛka me
Na asɛm ba menya ɔkamfoɔ da
Kwadwo medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Kwadwo ɛyɛ a na medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Ɛna medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ ee
Medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Kwadwo ɛyɛ a na medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Onipa ee ɔdwen ne ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ
Ɔdwen ne ho oo
Ɔdwen ne ho oo
Ike ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ ei
Wo na wogyina megyinabrɛ yi ebi a anka wode adane mbaapɛ
Wo na wogyina megyinabrɛ yi ebi a anka wode wiase asi wobo ah
Ɛnam sɛ wonya wobɛyɛ nti, ɛyɛ wo sɛ saa na meteɛ
Medeɛ medwen me ho ohiani asɛm
Daddy yi medwen me ho o
Yɛnnyaa awo ɔwɔma yi deɛ menim sɛ saa ara na ɛbɛba
Yɛnnyaa awo ɔwɔma yi deɛ amanfoɔ ara na ɛbɛ sɛei me
Ɛnso meserɛ m'atamfo sɛ daddy kae nea m'ayɛ o
Medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Mara medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Ɛyɛ a na medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ ee
Sɛ wosene wo nyɔnko a ɔtan wo nti ne nsɛm keka yi
Wosene wo nyɔnko a ɔtan wo nti na adin seɛi yi a
Ɛnso meserɛ m'atamfo sɛ daddy kae nea m'ayɛ o
Medeɛ medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Daddy ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Opanyin Koo Nimo ee
Daddy ee na ɔdwen ne ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ ee
Kojo Antwi ee ɔdwen ne ho
Medwen me ho oo
Daddy ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa mmɔbɔ
Amakye Dede ee medwen ne ho
Medwen me ho oo
Adomako ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Nana Tuffour ee medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Owura Ampofo ee ɔdwen ne ho oo
Ohiani asɛm paa
Mmɔbɔ mmɔbɔ medwen me ho oo
Medwen me ho oo
Nana medwen me ho oo
Ohiani asɛm paa
Written by: Charles Kwadwo Fosu