Featured In

Credits

COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Songwriter

Lyrics

[Intro]
Mete hɔ yi menyɛ ɔtenenee nii na menyɛ han bɔfoɔ
Menhu soro da na menhu neɛ ɛsene wiase
Manamɔn tuo nyinaa ho nte daa na makwan nyinaa nyɛ tee da
[Verse 1]
Me mpaebɔ nyinaa ne sɛ neɛ ɔhata soro yi bɛhunu me mɔbɔ
Ɔnhwɛ me anamontuo ne me bɔne hon nfa nbua me fɔ
Na mese mebu hon nkonta menkwa nda yi neɛ mayɛ a
Mengye ndi sɛ hwim da no drusoa Kwabena mekra bɛkɔ
Neɛ ɛnteɛ ne neɛ ɛnsɛ a meyɛ no sum ase
Neɛ mede me nipa dua yi mayɛ magu makoma ho fi
Homan ani akɔnɔdeɛ mese emu ahodoɔ
Metwa mani kɔ hwɛ neɛ sika nti mede me kra atwa soɔ
Asaase so anigye
Asaase so anigye a ɛnfa nipa nkosi hwee na mede me merɛ ne makoma ahwehwɛ
Nanso ɛnɛ mahoɔden te gu fɛm a mɛsu me mu
Firi sɛ bebree a mapri manya no ɛnyɛ no na makoma pɛ
Mese me hyɛ meho so a na mate asen
Metwe meho a ɛntwe bɔne adidi memu madane bɔne akoa
Nanso obi nnom aduro ma yaafoɔ ɛno deɛ nokrɛ
Nti mɛbɔ moden na agya no ba a mankɔyɛ ɔyeraba
[Chorus]
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
(Yɛ a kae Kwabena yɛ a kae Kwabena)
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Yɛ a kae Kwabena oo yɛ a kae Kwabena
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
[Bridge]
Adeɛ yi yawo me ato bɔne mu
Mɔnhwɛ sɛ Adam adi ne bɔne na metua ho ka
Naso ɛno nkyerɛ sɛ menso mɛbo ɔwɔ bosia
Na me ananawa ba a wasam nfenfre ɛde atuaka
Neɛ mayɛ neɛ nipa bɛyɛ nanso ne nyinaa akyire no
Wo mmrɛ so na wotwa wani a wakye tesɛn
Ɛdeɛn na wo ayɛ a wokɔ a yɛdi bɛkae wo?
[Verse 2]
M'aniso adehun nyinaa nesɛ mɛdane ɔkandifoɔ
Mɛbɔ mebra yie ato makwan ama mmɔfra adiso
Na mepɔn kɔ fie a matumi mada yie
Na akyire mma basoa watia me anamɔn mu amawodeɛ akɔso
Mɛtumi akasa tumii agu obi mu
Mɛtumi akasa ama neɛ ne mpɔ mu ago atumi asɔre ɛwɔ gyidie mu
Mɛfa me dwom yi so makyin amanso
Makyerɛ nipa akyɛdeɛ kɛseɛ ɛda yɛmu ɛne emu nfasoɔ
Mɛkyɛ me nimdeɛ kakra manya ɛwɔ ɔdɔ ne nteaseɛ mu
Ɛkosi sɛ ebɛdru neɛ ɔkɔ ne neɛ ɔhyɛ yɛfunu mu nso
Mɛbue neɛ otie me ani wɔ ɛyaw ne ehu mu
Ma wagye wonho adi ma wa twe wɔnho afiri ɛyaw ne ehu mu
Nanso neɛ otwa kwan nnim sɛ nakyi akyea
Ma kɔyɛ nipa yi deɛ meho bɛtɔ kyima kakra mesrɛ meka
Afei nso dɔm ani sa neɛ neɛ ɔso takra kyɛ
Meko metɔ a ɛyɛ a na wo ate maseɛ na emom mɛyɛ mafamu deɛ
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
(Yɛ a kae Kwabena yɛ a kae Kwabena)
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Yɛ a kae Kwabena oo yɛ a kae Kwabena
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
[Bridge]
Neɛ mehoroso nyinaa ne sɛ madi makoma akyi ate kokoniwa
Ama bɛsi nnɛ a menewo kasa yi medaso ara mea mekro
Saa asɛm wei yɛ me ahintasɛm a menbɔɔso nkyerɛɛ obiaa
Ɛyɛ ɛyaw bia menpɛsɛ neɛ odi mankyi anaa neɛ ɔhwɛ me bɛfa mu
Ɛno nti na makyekyɛ meho na me mrɛ a aka da manim yi
Ɛbɛtumi ayɛ niso adeahu ama woa wore tie me
Nanka ɛbɛyɛ medɛ sɛ mente nsɛn da
Nanso ma kɔyɛ nipa yi deɛ me nya no tɔɔtee
Na woyɛ papa a na ɛnkyerɛ sɛ wonyɛɛ bɔne da
Ɛna sɛ wodi bɔnee sosoa na ɛnkyerɛ sɛ woyɛ papa a ɛnyɛ yie
Na ɛmom mesrɛ ahoɔdin ɛne akokoduro ɛne nimdeɛ
Na kakra a menso mɛtumi no mayɛ mafamu deɛ ɛde aboa
[Chorus]
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
(Yɛ a kae Kwabena yɛ a kae Kwabena)
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Yɛ a kae Kwabena oo yɛ a kae Kwabena
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
(Yɛ a kae Kwabena yɛ a kae Kwabena)
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
Nti eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Yɛ a kae Kwabena oo yɛ a kae Kwabena
Mese eduru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
[Bridge]
Yɛ a kae Kwabena kae Kwabena
Mese kae Kwabena o yɛ a kae Kwabena
Kae Kwabena yɛ a kae Kwabena
Na woa kae Kwabena na woa kae Kwabena
[Outro]
Yɛn nyinaa baa ewiase adagya
Nti bribi mpo na yɛbɛ pri a nka ɛnyɛ abɔsotam ɛɛ
Yoo yate
Written by: Bernard Nana Appiah, Michael TwistedWavex Dzitrinu
instagramSharePathic_arrow_out