Top Songs By Pure Akan
Credits
COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Paul Nuamah Donkor
Songwriter
Lyrics
[Verse 1]
Makoma da me nsɛm
Na ɛtene afa me nsɛm
Na obi nyɛ nkye ne ntɛm
Na kwan abɛda me yam
Na mete ha saa mere twɛn
Hwana na ɔba ɛnɛ anadwo yi?
Makoma pono mabue
Hwana na ɛbɛhyɛ mema oo? Man hole o
Madane man hole
Oh man hole o
Madane man hole
[Verse 2]
Yea hwɛ tie
Na asɛm a mereka yi ahwerɛhoɔ meredi yi
Ebia na wonte maseɛ
Neɛ ɔba makwan mu bia mepɛ menfaho neɛ ɛyɛ fɛ
Matwɛn sɛ obi bɛhu me dɔ na afee matwɛn mabrɛ
Baakofoɔ asetena nokrɛ awɔ yi ade me akyɛ
Mayɛ mɔbɔ ɔdɔ a mepɛ menhu bi na mɛnya
Na obiara ayi nani sɛ ɔdɔ yi obiara nte ne din
Ma nwɛn maso edin a mɛte no biaa mɛfa ne saa
Menfa ho sɛ ɛyɛ ɔdɔ anaa mpo sɛ ɔtan
[PreChorus]
Nka medeɛ a ne neɛ ɔbɛ mate maseɛ all day
Nea mepɛ a ne neɛ mɛgye no adi always
Ma hwɛ mu ahu sɛ ɔdɔ pa ne boɔ abɛ yɛ din
Nti mabue mensɛm neɛ ɔbɛba no biaa mɛfa
[Chorus]
Nti sɛ ɛyɛ nsuo mpo na ɛbɛ firi sro abɛgu memua nka me pɛ
Sɛ ɛyɛ aboɔ mpo na ɛbɛ firi fɛm ahyɛ mema a nka mepɛ
Sɛ wobɛka meho anadwo yi na ɔkyena woagya mehɔ nka mepɛ
Sɛ wobɛ ka mehoa nka mepɛ
Bra bɛ hyɛ mema ɛɛ na madane man hole
Madane man hole
Oh man hole o
Madane man hole
[Verse 3]
Tie, ɔdɔ anya atɔ agu
Dan neso atu makoma pono abu
Obiara apansam, adɔfo nyinaa atu ma ɛnɛ mabrɛ agu
Ɛneɛ deɛ sɛ asa adɔfo kasa a da menkasa
Nti awɔ yi resanba ewiemu bɛdwo yi baakofoɔ da
Na ɛsoro a na mehwɛ nyankonton npue menkanfo nahoɔfɛ wai
Na nsuo tɔ bowo sɛn kwraa nyankonton pue a wo bɛhwɛ gyae
Hyɛn bɛn na ɛko mame ntena mu
Woani nka wofie a neɛ hyɛn no bɛgyina kwraa wonpɛ ahu
[PreChorus]
Nka medeɛ a ne neɛ ɔbɛ mate maseɛ all day
Nea mepɛ a ne neɛ mɛgye no adi always
Ma hwɛ mu ahu sɛ ɔdɔ pa ne boɔ abɛ yɛ din
Nti mabue mensɛm neɛ ɔbɛba no biaa mɛfa
[Chorus]
Nti sɛ ɛyɛ nsuo mpo na ɛbɛ firi sro abɛgu memua nka me pɛ
Sɛ ɛyɛ aboɔ mpo na ɛbɛ firi fɛm ahyɛ mema a nka mepɛ
Sɛ wobɛka meho anadwo yi na ɔkyena woagya mehɔ nka mepɛ
Sɛ wobɛ ka mehoa nka mepɛ
Bra bɛ hyɛ mema ɛɛ na madane
[Chorus]
Nti sɛ ɛyɛ nsuo mpo na ɛbɛ firi sro abɛgu memua nka me pɛ
Sɛ ɛyɛ aboɔ mpo na ɛbɛ firi fɛm ahyɛ mema a nka mepɛ
Sɛ wobɛka meho anadwo yi na ɔkyena woagya mehɔ nka mepɛ
Sɛ wobɛ ka mehoa nka mepɛ
Bra bɛ hyɛ mema ɛɛ na madane man hole
Madane man hole
Akoma no abuagumu
Oh man hole o
Madane man hole
Akoma no abuagumu
Oh man hole o
[Verse 4]
Ɛna ei ɛna eii
Agya ei agya ei
Ɛna ei nkrabea ayɛ awu agya yɛn oo
Agya ei nkrabea ayɛ awu agya yɛn oo
Oh na adɛn ni na adɛn ni
Na nkrabea ayɛ awu agya yɛn o
Ei na adɛn ni na adɛn ni
Na nkrabea ayɛ awu agya yɛn o
Ɛna ei nkrabea ayɛ awu agya yɛn oo
Agya eii na nkrabea ayɛ awu agya yɛn oo
Oh na adɛn ni na adɛn ni
Na nkrabea ayɛ awu agya yɛn oo
Ei na adɛn ni na adɛn ni
Na nkrabea ayɛ awu agya yɛn o
[Outro]
Sika deɛ ɛyɛ
Sika yɛ adeɛ yie
Sika di anigye ba
Na sika krɔ yia nso de asɛm ba
Sika nti ohianii dɔ ne ba a yɛn hu
Sika nti ɔdeyɛfoɔ ka nkyene gu a yɛnsu
Sika sika sika krɔ yi nti a nkrabea hweree ne ti ho asɛm na yɛ kano saa yi
Hmm
Written by: Bernard Nana Appiah, Paul Nuamah Donkor