Music Video

Pure Akan - Me Sika Aduro [Official Video]
Watch Pure Akan - Me Sika Aduro  [Official Video] on YouTube

Credits

PERFORMING ARTISTS
Bernard Nana Appiah
Bernard Nana Appiah
Vocals
Sam Sky Beats
Sam Sky Beats
Electric Guitar
Boaz Twumasi
Boaz Twumasi
Keyboards
COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Yung Fly
Yung Fly
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Yung Fly
Yung Fly
Producer
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Mixing Engineer

Lyrics

[Intro]
Sika ho a na me dwene oo
Me dwene
Sika ho a na me dwene oo
[Verse 1]
Nyankopɔn na ɛbɔɔ nipa ɔde nɔteɛ na ɛbɔɔ nipa
Ɔbɔɔ no wie ɛ de no gyina hɔ na nipa gyina a ɔngyina
Nti ɔtee sika kakra de fraa dɔteɛ na afee wagyina
Wei pɛ di adanseɛ sɛ yɛn ahoɔden nyinara ne sika
Mepɛ sika dan mma menpɛ teku daama
Mepɛ sika adi ama mewu mekɔ a ebi aka
Mepɛ sika npempem neɛ ɛbɛ so ntɛmtɛm
Me bue so kyerɛ woa woyɛm ahye wo
Woanni bɔ so a wo ho adweri wo
Menpɛ sika fiaa menpɛ sika teaa madi bi saa
Mepɛ sika adi ama mepue a yahu sɛ me aa ne me aa
Asɛm ne sɛ nipa bɛ yɛ bi nanso ɔbɛ gya hɔ akɔ
Nti ɛmrɛ wɔ hɔ yi yɛnbɔ mɔden nawo n'nim da a wo bɛkɔ
Hwɛ ɛbɛyɛ mɔbɔ sɛ wo bɛdi hia wo mmrɛ wɔ asaase so
Na wo nya wu kɔ a wasan afe ewiase anigye de asɔso
Nti moma me ahonyadeɛ mekyerɛ sɛ ewiase agyapadeɛ
Mepɛ neɛ ebɛbu meso menfa ho sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ
Sika akyɛdeɛ na enbu nfa meso dabiaa menma akyɛdeɛ
Sika fitaa ɛna K mepɛ na emom sika kɔkɔɔ
Sika puduo na maani daso nyɛ deɛ ɛbɛsa afi dan
Sika mapaa menhyehyɛ mewuo abra metease
Wo nhu neɛ mekyerɛ no yie a mekyerɛ sɛ dwɛɛtɛɛ
Ɛhyɛ wo ho a wo anamon tuo nyinaa fɛɛ fɛɛ
Me hwehwɛ be mepere bi mehia na kwankyerɛ
Me nsa ka bia medi no amano asu dwɛɛtɛɛ
[Chorus]
Wohunu me na ma sum ma noa sika hoa na me dwene oo
Daa mayɛ kom si hɔ yi sika hoa na me dwene oo
Anɔpa me sɔre a, ɛnyumire mekɔ daa
Ho a na me dwene ho a na me dwene sika ho a na me dwene oo
[Verse 2]
Mepɛ sika tesɛ abro, menfa ho sɛ ɛyɛ sika aduro
Sika ba a mɛnya akokoduro masi mebo nti gyae mensuro
Mepɛ sika mepɛ dɔm, manya sika a menya dɔm
Manya sika meda kɔm, sika wɔhɔ a ɛdeɛn ne kɔm?
Meka sika me kyerɛ sika sɛ modeɛ monnim sika
Neɛ ɛbɔ aban bosea, mekyerɛ dodoɔ ontumi nkan
Dabiara da yɛkɔ yɛba ne nyinaa sika korɔ yi a
Nti me hwehwɛ kwan bi mede adua me sika dua yiaa
Sika yiaa na ama wiase twa neho neɛ ɛteɛ yiaa
Mepɛ bi sisia matumi ahomeso brɛ tia yiaa
Mepɛ neɛ ɛbu meso mabro meso ma afa meso
Menpɛ neɛ ɛso meso mete ne soro nanso menso
Neɛ ɛbɛ sesa obi hyɛbrɛ obi dabrɛ ma atɔ obi mmrɛ
Sika ankasa ma ohia nyɛkom na onkɔ pɛ baabi ntɛ
Mepɛ bi sisia na ɛmrɛbi ba a manyɛ sika anibre
Sika anigye ɛni asetena pa mesi makoma pɛ
Me kra hwehwɛ obi nkyerɛ me kwan mese mɛdiso tiin
Sika mu han mepɛ bi ɛnɛ na obi anbɛ bue mane
Sika mma anigye
Sika mmpɛ dede
Sika ma ahotɔ
Na ɛsanso ma ɔdɔ sɔ
Ohia deɛ ɛyɛ yaw
Sika bɛyɛ dɛ
Sɛ wonte mase a menua wo suro sika
Sika nim kasa
Na ɛma woasɛm yɛdɛ
Sika nkasa pii
Nti menkasa pii
[Chorus]
Wohunu me na ma sum ma noa sika hoa na me dwene oo
Daa mayɛ kom si hɔ yi sika hoa na me dwene oo
Anɔpa me sɔre a, ɛnyumire mekɔ daa
Ho a na me dwene ho a na me dwene sika ho a na me dwene oo
Yɛnfa no biom
[Chorus]
Wohunu me na ma sum ma noa sika hoa na me dwene oo
Daa mayɛ kom si hɔ yi sika hoa na me dwene oo
Anɔpa me sɔre a, ɛnyumire mekɔ daa
Ho a na me dwene ho a na me dwene sika ho a na me dwene oo
[Outro]
Aww meka sika a mekyerɛ sika a
Mekyɛ sika a medi sika a na ma twe me pinpinis
Na mede mma mienu abɔ menkyɛn mu na mate afa krom
Meka sika a me kyɛ sika mefa asikafoɔ adanfoɔ
Na mene wɔn abɔ sika hon nkɔmɔ
Odi sika medi sika a na masere asikafoɔ sereɛ agu moso sei
Hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔhɔ
Hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔhɔ
Hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔ hɔhɔ
Written by: Bernard Nana Appiah, Yung Fly
instagramSharePathic_arrow_out