Top Songs By Pure Akan
Credits
COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Twistedwavex
Producer
Lyrics
[Intro]
Yɛ nyinaa baa wiase adagya nti bribi mpo na yɛbɛ pre a nka ɛnyɛ abɔ so tam ɛ
(Yoo yate)
Ɛnti wadidi amen na kɔm de wo kera yi, saa asɛm wei menua baa menua bɛma wadwene ho pɛn?
(Hmm asɛm)
Wɔkasɛ da no drua atenbuo no bɛfiri na asɔrefie wɔkyerɛ sɛ wo gyidie ne sɛn wɔnka sɛ wosom ne sɛn?
(Yoo yate)
Ɛnti owuo ɛne bɔne akatua adɛn na obonifoɔ bɛwu ama oteninii nii nsuo
Awu frɛw ama nadɔfo nyinaa ate ɛnisuo?
(Hmmm asɛm)
[Verse 1]
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ, ɔbɔɔ nipa na ɔbɔɔ nipa sɛ ne sɛsoɔ
Ɔde no yɛɛ ti na ɔhyɛ no sɛ adeɛ nyinara ɔnoara na ɛnhwɛ soɔ
Ɔmaa nipa tumii bebree, ɔmaa no nnimdeɛ
Na ɔkyɛɛ no adwene mu nyansa
Ɔse ɛmoa doma nyinaa bɛ koto wo
Na wode gyidie yɛ ɔse a ɛmepɔ bɛ tutu akɔ gu po mu
Wo wɔ adeɛ nyinaa ho kwan ɛnti onipa e wakoma so adeɛ ni sɛn?
[Verse 2]
Menka deɛn
Ka nokwarɛ
Me pɛ nkwa tentene adi nkyene ma nkyene atim mese ase
Na menya akoma yadeɛ wu a meho dɔm kyoo ma yie ase
Me pɛ nipa nyinaa anim dɔ neɛ ɔbɛ dɔ me akoma mu ndɔ
Sansɛ bibinii adwene ne nehonam ani akoyɛ korɔ
Nti me pɛ honam fitaa afura na obiara ahu sɛ ma dwene ho te
Me pɛ nwoma mu nimdeɛ a ɛdɔ na matumi de abɔ apoo
Me ndidi nkrɔfoɔ brɛ hon saa menyɛ nfa nkyekyere mia me kro
Me pɛ nkoa ne mmaawa me nya apaafoɔ nso a me pɛ
Me pɛ anemuonyam honampa di agyegye mmaa mabu wɔn kwasia
Me mpaso agrɔ nsɔ ani tewani ɛ hwɛ sɛ waka nano na wate ada
Akɔnɔ bɔne akoa mepɛ sɛ me som ma ɛto memma
Me hon mmaa dodoɔ yɛ kan a ɛnsen npɔɔtiri nkokɔ mma
Ɛnti mɛ hia sisie a ɛmu sɔ na ma tumi ne wɔnyinaa aforo mpa
Na sɛ wonya wofa yɛ funu a makasɛ ɛnyɛ mene agya
Mese mɛhia brɛboɔ a ɛniti na matumi medi awe nsa
Na afee medua ɛbɔ manim nyɛ dru sɛ
Ka ne nyinaa
Mese medua ɛbɔ manim nyɛ dru sɛ ɔbaatan akwansodeɛ
Afee meho tan nyɛ kakraabi sɛ ohia nii atosodeɛ
Mepɛ ahoɔden di asisi mɔbrɔwa agye ni nsɛm adi
Me patapaa mɛyɛ medi nsɛm bɔnee mafa me ho madi
Mepɛ sika madi na ɛyɛ a madi mabusuaso ama wɔn adi
Me nanse saa wɔ bɛdidia agye madi amano aka na wanya bi adi
Mekyerɛ mo ɔdaamanii abisadeɛ mo se ɛyɛ wiase afɛfɛdeɛ
Ne ahuhudeɛ ɛdeɛn mo nkyerɛ ma me nsen
Menpɛ daa nkwa
Menpɛ sɛ meda a mɛ daa kwa
Ɛnti medin aka mmaa no ama wɔn kunu nom daa kwa
Mepɛsɛ obiara ka sɛ ɛba no manso dia mɛgye mafa
Na ama medin aka asaase so na mewua na asɛm asa
Metee sɛ nyame bɛba nyɛnɛ ɔbɛba ɔnyɛ nbra ɛ mese
Me bɛɛma gyina soa ɛɛnyɛ mmrɛ ɛbɛtɔ a ɛnkyɛ sɛ
Nyame mbaayɛ na mehon nsua sane a ɛnwo mma fɛfɛ na ma mmaa yi apre wɔn ho
Nasɛ memrɛ son na me kɔ wɔ de wɔn abɔ me nkayɛ
[Bridge]
(Anigye nkoaa)
[Verse 3]
Kwabena nya ntoboaseɛ na yɛwɔ adeɛ nyinaa ho kwan
Nso ɛnyɛ adeɛ nyinaa na ɛfata
Kwabena nya ntoboaseɛ na yɛwɔ adeɛ nyinaa ho kwan
Nso ɛnyɛ adeɛ nyinaa na ɛfata
Kwabena nya ntoboaseɛ na yɛwɔ adeɛ nyinaa ho kwan
Nso ɛnyɛ adeɛ nyinaa na ɛfata
Kwabena nya ntoboaseɛ nya ntoboaseɛ
[Verse 4]
Ɛnti mo mame brɔdeɛ fufuo
Ne krobonko nkwan a yɛde akwaabi ayɛ
Me nyaa mankani fufuo ne abunubunu nsosoa nka mɛdi
Mepɛ nwa mepɛ kɔtɔ na mesan nso pɛ mre
Anaa apim ampesie asonsɔn ne kantɔɔse abomuu a
Yɛdi nwo kakra apete so
Mon fufutɔ na monfa cocoa nkruma ntwi mu
Mo wie a monfa kosua mienu ntimtim so
Mo mame fufukisa ne abɛnkwan a ɛmu api
Na mowia mo amame nhyira nsuo
Na me didi wie a mede ahohro mensa
[Outro]
Ɛtɔ dabia me dwene me dwene paa ɛyɛ nokrɛ me dwene
Me tumi dwene saa ma adwenedwene koraa tumi ha madwene
Afee na ɛyɛ mesɛɛ mɛ hyere ma dwene nti mengyae dwene
Na mangyae na daa me dwene a K mɛsɛe madwene
Ma dwene dwene nyinaa ne sɛ ma dwene dwene nyinaa ne sɛ madwene dwen yi
Sɛ ma ngyae ma dwene dwene yi a ma dwene yi bɛka ma dwene
Sɛ ma ndwene angyae dwene a madwene dwene yi bɛyɛ me dadwene
Nti me bɛka meda dwene obiara ntie na afee monkyerɛ moadwene
Written by: Bernard Nana Appiah, Michael TwistedWavex Dzitrinu