Top Songs By Pure Akan
Credits
COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Lyrics
[Intro]
Soo gɛ soo gɛ
Soo gɛ soo gɛ
Soo gɛ soo gɛ
Soo gɛ
Saa
Saa
Saa
Saa
Eiii
[PreChorus]
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
Ɛyɛ a nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ wate
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
[Chorus]
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo aa
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Ɛhuru a ma abɛdwo ɛhuru a ma abɛdwo fɔm
[Verse 1]
Abranteɛ bi tenaa kuro bi so na yɛ frɛ no Yaw Atakora
Kyere kyere ne kua adwuma yi a na ɔyɛ na ɔde bɔ ne bra
Dabiaa ne nkrantɛ kura no o na ne kraman di nakyi
Hm Atakra deɛ ɔpɛ adwuma ɛno nti obiara pɛ no asɛm
Adeɛ nya kye pɛ a ɔbɛko na wakɔhwɛ akɔ dodɔ
Na ɔbɛyɛ neɛ neho bɛso na ɔbrɛ a wako homi
Na deɛ ne kraman bɛ kyere na ɔde ako fie akɔ didi
Na ɔyɛ nya neɛ neti bɛto a wakɔda ɔnpɛ ne ho asɛm
Ndɔbaɛ a na ɛbi bɔ a ɔbɛtɔn ɛde abɔ ne ho
Enuane yi a na ɛbi ka ɔbedi ɛde a hwɛ ne ho
Atakora hon deɛ ɛnkyere no ɔwo neso ne neɛ ɛso ne so
Atakora hon deɛ ɛnkyere no Atakora hon deɛ ɛnkyere no
[PreChorus]
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
Ɛyɛ a nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ wate
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
[Chorus]
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo aa
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Ɛhuru a ma abɛdwo ɛhuru a ma abɛdwo fɔm
[Verse 2]
Mese ɛmerɛ sesa m'yɛnka frɔm frɔm wɔ hɔ yi ɛnte hɔ daa
Ewiemu yɛ basaa na ɔpɛ kɛseɛ bi sii yɛ
Ɛmaa nfuo mu nyinaa yɛ hoyaa na emu ndɔbayɛ nyinaa hyee yɛ
Egya kɔm o aho kyerɛ o na ani brɛ oo
Ɛma Atakora hon bɛkyere no aa
Atakora hon bɛkyere no oo
Atakora bo bɔɔ bosia tontɔn ne ho nneɛma oo
Nneɛma mu yɛ basaa asetena mu yɛ diin paa
Nti Atakora yɛ na adwene sɛ ɔbɛ kɔ kuro kɛseɛ mu
Onya dwetire kakra bɔ ne ho a ɔbɛhyɛ ɔbra foforɔ ase
Ɛno nti Atakora tɔn na fuo no na ɔde bi yɛɛ ahoboa
Ɔde bi yɛɛ ahoboa
[PreChorus]
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
Ɛyɛ a nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ wate
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
[Chorus]
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo aa
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Ɛhuru a ma abɛdwo ɛhuru a ma abɛdwo fɔm
[Verse 3]
Mese Atakora sii na dwene pi
Oguso ahoboa so
Wa hwɛ a krakra ayɔnko foɔ wahwɛ akrakra na adɔfoɔ
Ama obiara see no sɛ wose wo kɔ a wone nyame nkrɔɔ
Adeɛ bɛkye ama Atta akɔ ewiemu na ɛsesa yi
Nsuo na ɛbɛtɔ yi nsuo tɔɔ yɛ a ante da
Na nsuo tɔɔyɛ teeyɛ a ɛkuafoɔ rekɔ afuo mu bue asɛm o
Asɛm oo asɛ bɛn aa
Oh Atakora hmmm asɛm
[PreChorus]
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
Ɛyɛ a nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ wate
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
[Chorus]
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo aa
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Ɛhuru a ma abɛdwo ɛhuru a ma abɛdwo fɔm
[Bridge]
Asem a esii yɛ ne sɛ
Nsuo no tɔ tee yɛ no
Na ahohro sika kɔkɔɔ abɛ agu Atakora afuo no ani ma Atakora asaase no abɛyɛ sika
Atakora tee asɛm no ɔde aho preprɛ kɔ pɛɛ oni ɔtɔɔ afuo no akyire akwan
Kyerɛɛ no sɛ ɔde ne sika ɛba abɛgye na fuo nanso ɛfuo wura see ɛheneha
Asɛm no kɔ yɛɛ twe ma mentwe ma ɛkɔ dru mpanyinfoɔ anim wɔ ahenfie
Nanso yɛ kaa yɛ kaa yɛ no asɛm no di tiaa Atakora ma Atakora dii fɔ
Yɛn hwɛ sɛ Atakora anya aboterɛ antwɛn ama ɛnɛ wa hwire na adepa bi
Anka ɔnya ntoboaseɛ kakra a na afuo yi nyinaa na adane sika yi
Ɛno nti menua wotie meɛ
Menim sɛ ɛtɔda bi a na abrabɔ mu nsɛm akyekyre woa ma wo gye wo hon biaa ɛngyi
Nanso ɛyɛ a si aboterɛ na yɛwɔ deɛ nti a asɛm ba na yɛwɔ deɛ nti a amaneɛ nso ba
Ɛnpre woho nkɔyɛ neɛ yɛnyɛ na wankɔ hwire wadepa bi sɛneɛ Atakora ahyere na adepa bi yi
Me nim sɛ ɛɛdin nanso kae hunu sɛ
Ɛhuru a ɛbɛdwo
Ɛhuru a ɛbɛdwo
Ɛhuru a ɛbɛdwo
Wodeɛ kɔno bɔkɔ bɔkɔ na nom nsuo twɛn ɔpɛ
Aboa kɔkɔsɛkyi ɔse mede me kwasia pre nyini kyɛ aaa
[Verse 4]
Mese Ama Kyrewaa se ɔde ne kwasia pere nyini kyɛ
Na Abena Cece nso se ɔde ne kwasia pere nyini kyɛ
Kwaku Noto se ɔde ne kwasia pere nyini kyɛ
Na Abena Badu nso se ɔde ne kwasia pere nyini kyɛ
Menua Yaw Yeboah se ɔde ne kwasia pere nyini kyɛ
Kwabena Appiah menso se mede me kwasia pere nyini kyɛ
[PreChorus]
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
Ɛyɛ a nya aboterɛ ei
Na ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ wate
Na ɛhuru a abɛdwo fɔm
[Chorus]
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo aa
Menua nya aboterɛ ei firi sɛ ɛhuru a ma abɛdwo oo
Ɛhuru a ma abɛdwo ɛhuru a ma abɛdwo fɔm
Written by: Bernard Nana Appiah, Kwaku Ananse