Music Video

Pure Akan - Awufo Som (Official Audio)
Watch Pure Akan - Awufo Som (Official Audio) on YouTube

Featured In

Credits

COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Songwriter

Lyrics

[Verse 1]
Ewiem ayɛ diin nanso nsɛm nam wiem
Osekunii ate nsɛm na konkonsanii nso nam afie mu
Yɛse nframa bɔne abɔ ma adanso apa ma mrɔdeɛ nyinaa abubu
Nkoko ntakra ahyete apansam na enua nhini nyinaa na ɛda hɔ yi
Yɛtete huhu huhu huhu huhu huhu nanso hwan na ɛbɛbɔ amaneɛ yi a?
Hwan na atwe neti a asɛ ɔso asɛm bɔnii yi?
Hm hm hm hm ɛnɛ deɛ yante asɛm pa
Asɛm wei te akoma asɛm yi de kaba na asɛm wei sɛi fie
[Verse 2]
Yiee bɛrma katakyie wona wo nie oo
Ah ah ah kwamoa wuo di dɔm bɛko
Ahhh anya aba yideɛ na aba
[Verse 3]
Awerɛho sɛm a yateɛ nesɛ agya sei daayɛ a wansɔre
Na ɔyere a ɔne no teɛ bɛbɔɔ amaneɛ sɛ
Ɛnnora anadwo na nehon nfano nanso na ɔnyare
Na ɛkyere no ɔde no kɔɔ ayaresabea esanesɛn na ɔso ɛni a ɛnsɔ
Na akokɔ bɔnyɛ yi'a na adɔketafoɔ de to na nim sɛ wanya ayɛ Nyame dea
[Verse 4]
Ahh anya abayideɛ na aba
Ɛno nti yɛbɛ tu bɔfoɔ ma ɔde nsa akɔse mpaninfoɔ ayie
Na mpaninfoɔ hyia ne naawɔtwe soa
Yayɛ ayie ho nhyehyɛɛ na yɛde neɛ ɛsɛ ato neɛ ɛda
[Verse 5]
Mpaninfoɔ ahyia ma abusuafoɔ atenase
Yɛɛma ɔyere a wodi kuna yaakɔ na abusua nyinaa nso hyɛden
Mpaninfoɔ aka wɔnti abomu agye atumu sɛ
Bosome a ɛda yanim yi ne nafua meɛnsasoɔ na yɛde bɛyɛ ayie
Adeɛ yi efunu biaa nehɔ a ekyire asaase
Abusapanin kɔso kyerɛ sɛ wɔgye wondehyeɛ na wayɛ no ayie
Sɛ neɛ ɛteɛ wɔ abusua nhyehyɛɛ mu
Na ɛmma nso sɛ wɔgye wɔnagya na wɔnso agya no kwan ate wɔn agya anim
[Verse 6]
Wɔbɛfa motuary ka na wafa adaka na ayie hon ntotoyɛ nyinaa nso wasɔ mu
Abusua sɛ wagye atum apɛ baa wɔbɛdeda amun no asiri pɛ
Na n'adekyeyɛ so no wakɔpɛ ne krabea ɛwɔ amansan asieɛ
Bosome atwamu ma nda'a ɛdasoɔ no nso aso
Ɛma ɛyɛ ahoboa anadwo yi wɔn agya da fɛm
Abusuafoɔ nso ɛyɛ wɔn afamudeɛ na wanim anguase
Esum ɛyɛ adru na sɛneɛ wahyɛhyɛ no no ɛmma atu kɔfa wagya aba fie
[Verse 7]
Agya ba oo agya ba oo agya abɛdru
Abusuapanin agu nsa afrɛ efie nsamanfoɔ asrɛ kwan ma yɛde amun no awura fie
Ɛma bɛdware wagya ma yɛde nkente ne ahodeɛ asiesie no ato mpamu
Abusuafoɔ atwaneho ahyia ne no akasa
Na afei ɛkwan dahɔ sɛ obiaa bɛhwɛ amun no
Apɛsire noaa na yɛgusoɔ no yɛbɔ ayiease ndwom de asu yagya
Wɔn a wɔtwa wono nanase twa
Na wɔn a wakae wonadɔfo a atɔ nso so rete nisuo
Okunafoɔ bu nani a enbu obiara a nane bɛbɔ ne so no na ɔnonso atua su mu bi
Esu dodoɔ no nti okonafoɔ ma niti so biara a ɛnyɛ yie
Na wasɔre na watenase na wasɔre na watenase na wɔde nensa agu ne bo
Na wa woso neho na wa woso neho na wateamu ahh
[Verse 8]
Agya ee agya ee wogya yɛnsɛn nie
Agya ee papa e wo mma ayɛ mɔbɔ
Agya ee agya ee agya ee agya ee wogya yɛnsɛn nie
Agya ee papa e wo mma ayɛ mɔbɔ
Yasiri pɛ ma adeɛ akye wɛɛ na adeɛ akye yi deɛ na ɛsɛsɛ yɛkɔpɛ amun no krabea
Na ansana ɛno bɛba soɔ no yɛbɛ hia ɔsɔfopɔn bi
Mano agyina mu ma ɔde ɔkra no ahye ɔbɔadeɛ nsa
Nanso Agya Sɛe teaseɛ no na ɔndɔm asɔrekuo biaa
Ɛno nti abusuapanin bɛgyinamu
[Verse 9]
Agoo
Abusua se owuo atwedeɛ wɔ hɔ yi baako nfro ɛnɛna me dehyeɛ dafɛm a
Ɔkyene bi ɛbɛtumi ayɛ me anaa wonso wodehye
Ɛno nti wootu anamɔn a ɛyɛ na wayɛ ahwɛ yie
Ɛsane sɛ nipa wɔ baabi kɔ
Na ɛdan nipa sɛ ɔbɛwu na owuo akyi no atenbuo wɔhɔ
Yɛndehyeɛ na ɛda hɔ yi akanensa agu ne bo yi
Asi
Ɔte nani a ɛnte ɛnɛ wakɔdi asamando
Obinim bɛbia ɔnam obinim bɛbia ɔɔkɔ
Menua wotie me ɛ owuo dahɔ ma yɛn nyinaa
Nasɛ wonim owuo nsosoa ɛyɛ a na wahwɛ ɛnda
Abusua ano asi ma akasɛ yɛde amun no bɛkɔ asieye
Na Agya Sei tease no na obiaa nim sɛ ɔka ne mpaboa so yie paa
Ɛno nti ne namfofoɔ a ɔne wɔn we bɔmu bɛte gyina sɛ
Wɔn'a na wɔbɛ soa adaka no
Na wei anyɛ abusua dɛ ma ɛde basa basaɛ sii ayie no ase
Na wo bɛhwɛ ɛmarima a abro ayɛ tentan
Na wɔse wɔbɛ soa adaka a na ɛyɛ anika yie paa
[Verse 10]
Nanso abusua tuu mmarima ma wɔtam adaka no sii wɔn abati
Papa di anim abusua ne adofoɔ nso diso
Wɔnyinaa de awerɛhoɔ ne nisuo kɔgyaa ne kwan
[Verse 11]
Bɛ hwɛ sɛ adɔfo te nesuo ɛtwa gyaadwoɔ ama nesuo abu wɔn kɔn
[Verse 12]
Saa abrɛ yi deɛ obiara de ahwrɛhoɔ bɔ bena
Wɔn'a koodwane bobɔ wonti ne wonsa nyinaa te nisuo
Apatafoɔ kita kita ebi mu na wobɛ pue mu ha a wontumi nka wo nisuo nhyɛ
Nanso yɛde no kakra kakra saa abɛ pue amansan asieɛ
Abusua panin adi anim nson nkɔ neɛ nson wɔ na nɔteɛ nsoso nkɔ neɛ nɔteɛ wɔ
Na yɛde Agya Sei adaka tea bɛtwere mu a adaka na ɛsensɛn amena yi ani yi
Amena no antu ansi neɛ ɔbɔ amena no anyɛ nadwuma yie
Yɛɛpɛ nakyire akwan nsosoa yɛnhu no
Ɛfɛm nso ayɛden nti no wode adeɛ bɔ a ɛnbɔ
Na yɛde Agya Sei san yakyi nsoso akɔ fie nsoa ɛnyɛ yie
Nti yɛde no bɛ fenfɛm mu saa na yagya nehɔ akɔ fie
Ma npɛtɛ bɛ sosɔ no a wosɔso no
Ma nfɔteɛ be di ne nam nsosoa wadi adeɛ sɛ ɛbɛ die a nie
[Verse 13]
Adɔfo abɛboa ma yayɛ ayie wɔn a wɔbɛtwa wɔnanse atwa
Na wɔn'a wobɛbɔ nsawa nso abɔ
Ɔbaapa Akosua Minta sɛ okura ne nsɛm sika cedi aduenum
Abusua ngyeɛ na wɔnfa nte wokaso bi waya adeɛ monpene no ɛ
[Verse 14]
Agya Sei ayie akyi no, abusua ne ɛma hyia buu ka
Wogya akyire akunafoɔ mmiɛnsa ekyiremma du
Na na obiaa nde noka na emom na ɔde nipa bebree ka ansana ɔbɛtwa nani
Na afei nso ayie no yɛɛ ka
Nanso ɛmma se wasɔ wɔn'adeɛ mu
Written by: Bernard Nana Appiah, Michael TwistedWavex Dzitrinu
instagramSharePathic_arrow_out