Lyrics
[Intro]
Onipa biaa anamɔntuo gyina neɛma mmienu so
Wadwene ɛne wakoma
Makoma ne madwene nya nteaseɛ
Ma dwene sɛ ono na ɛma me nyansa
Na akoma sɛ nkwa ne hɔ'a mɛyɛ dɛn madwene hm?
Na nkwa'a nyansa nkahon deɛ sɛ nka fanyinam wuo oo
[Chorus]
Makoma ne madwene anya asɛm
Ɛno nti megyina ntɛn na hwana akyi na mentae me dwene?
Mefa benkum fa nifa asɛm
Obiara twe ne ho na ɛka menkoa nso'a mapem
Adwene se ɔnona ɔyɛ na ɔmame nyansa o
Akoma se ɔtwe ne ho a na menkwa asa oo
Obiara se ɔno na ɔyɛ na ɔmame te apɔ oo
Ɛhe mpo na menfa hwɛ menkoa mamem
[Verse 1]
Mete waseɛ makoma wo bayɛ ansa mano bɛte
Wakyerɛ mesɛ nkwa wɔhɔ yi meenhwɛ manim menhwɛ mɛkyi wae
Wodi manim mahoɔden kura wonsɛm wotrɛ wonsɛm a ma home wobɔ tɔfa asi
Wedeɛ ne deɛ ne adaka dɛm ahh
Ɛmogya fro ne ne saneɛ mu nyinaa wo adawroma
Sɛ mɛtɔ ɔdɔ mu afri nsoso a akoma e nkasa menim sɛ wo a
Me home twee sam manim nfifre a wonkoa na wonim me brɛ
Mebo bɛdwo a na wokrɔ yi ara na wo anya me kasa kyerɛ
Na afee na ɛdeɛn na etire yi hu yɛ mano dii wo atɛm
Ɛden na ɛka no ma obue nano ma o'nya wo kasatia?
No werɛ yɛ afiri sɛ ne yieye mu nyinara gyina sɛ wobɛ hwɛ amano nframa deɛ ɛsɛ
Ɛnopɛ kyerɛ sɛ woni no mmienu nsɛ
[Chorus]
Adwene se ɔnona ɔyɛ na ɔmame nyansa o
Akoma se ɔtwe ne ho a na menkwa asa oo
Obiara se ɔno na ɔyɛ na ɔmame te apɔ oo
Ɛhe mpo na menfa hwɛ menkoa mamem
[Verse 2]
Tenase kom m'adwene yɛ diin na afee menka wo asɛm bi
Asɛm a mere kayi mekɔn hon ntini yi nyinaa esan woho nti
Me nim sɛ wo a wo nti na mano ate
Me npɛninsɛm medie ne nsɛm akɛseɛ yi nyinaa adwen ei wona wokyerɛ maseɛ
Me anamontuo me kɔ me ba wankyerɛ me kwan a ma poli
Mandi wakyi kɔpere me ho a mekɔ akɔtɔ amena mu
Afiri me nkɔraa brɛmu bɛ pim ɛnɛ me npanin berɛ mu nyinaa
Wagye me agoro kakra adi manim tataa me nim
Wakyerɛ me neɛ ɛyɛ nsa wakyerɛ me neɛ ɛyɛ nsuo nkwa akyi asɛm yɛ owuo
Na kwantia yɛ musuo nkonim ne nkuguo
Wakyerɛ me neɛ mensa wakyerɛ me neɛ mensom wakyerɛ me neɛ ɛbɛsi
Wakyerɛ me neɛ me nsɔmu wakyerɛ me neɛ me mano nsin
[Bridge]
Akoma nteaseɛ na adwene nso nteaseɛ
Nti akasɛ mɛtu anamɔn adi baako akyi
Na magyae baako nso wɔ makyi
Akoma nteaseɛ
Akoma nteaseɛ
Akoma nteaseɛ
Na adwene nso nteaseɛ
[Verse 3]
Akoma kyerɛ me neɛ ɛfɛ neɛ ɛnika neɛ akɔnɔ
Na adwene akyerɛ me neɛ ɛbɛsɛ me afata
Adwene sɛ mengyina ɔdɔ mu, akoma sɛ mentɔ ɔdɔ mu
Akoma sɛ nkwa na ehia wo nwu yɛ'a wonim nea wobɛnya
Adwene sɛ menbɔ me bra yie me nhwɛ nto makwan yie
Na aboa me ama me anyini akyɛ
Adwene sɛ yɛdeɛ ɛda wakoma so yɛdeɛ wahoɔden bɛso
Kae sɛ wonfa wani nto obiaa so
Akoma sɛ mɛntie obiaa adwene akoma sɛ mɛnusro obiaa
Adwene sɛ mɛnhwɛ obiaa adwene sɛ mɛntan obiaa
Akoma sɛ sika yɛ, adwene sɛ yɛ adwuma din na gye ho akatua
Akoma sɛ kɔ ntɛm bra ntɛm adwene sɛ ntoboaseɛ na ɛbɛ wie wo nkonimdie mu
Akoma sɛ anigye hia akoma sɛ wowerɛ ho a te wohon na si wotiri ase
Akoma sɛ ɛnhwɛ wakye akoma sɛ ɔbra'a yɛ bɔ yi hwɛ na bɔkɔ wanim
Akoma sɛ ɔnone nkwa akoma sɛ nkwa na ehia
Akoma sɛ wowɔ nkwa a na wo wɔ adeɛ nyinaa
Written by: Bernard Nana Appiah, Paul Boachie Ansah