Top Songs By Pure Akan
Credits
COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Songwriter
Lyrics
[Verse 1]
Mese eduru enigye so a na obiaa nsa da mu oo
Nso medi ahwrɛhoɔ na menko merewe mano oo
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
Firi sɛ obi ayie ase obi ayie ase na yɛyɛ yɛn ho ayie
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
Firi sɛ wɔnte mase wɔnte mase na wɔbɔ me bɛyie
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
Firi sɛ obi ayie ase obi ayie ase na yɛyɛ yɛn ho ayie
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
Firi sɛ wɔnte mase wɔnte mase na wɔbɔ me bɛyie ahh
[Verse 2]
Firi sɛ obi ayie ase obi ayie ase na yɛyɛ yɛn ho ayie ahh
Mese sɛ wɔnte mase wɔnte mase na wɔbɔ me bɛyie ahh
Firi sɛ obi ayie ase obi ayie ase na yɛyɛ yɛn ho ayie
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
Firi sɛ obi ayie ase obi ayie ase na yɛyɛ yɛn ho ayie
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
Firi sɛ wɔnte mase wɔnte mase na wɔbɔ me bɛyie
Moma me nsu me ho, moma me nsu me ho ɛ
[Bridge]
Ah
Ah
Aprodoo
Yɛ yɛte aprodoo
Aprodoo
Yɛ ah-ah aprodoo
Yɛ ah-ah aprodoo
[Chorus]
Ɛnbɔ motiri so o asomasi ne ɔbenten
Mahunu mo tiri mu pɔ monkyerɛ do na me nsen
Neɛ ɔkɔ nsuo na ɔbɔ ahina
Na ɔpatafoɔ na odi abaa moma me ndwene
Efie gya adum mesɔ bi abɔnten
Mate nkensen na mobɔ ntenten
Nso ne kwan mu a no no
Sɛ meda na moda a daakye bi ebegya yɛn nyinaa adwenedwene
Mokɔda anda nyinaa ɛyɛ hu kɛ kɛ
Daa mo ayɛ din ɛyɛ ohia kɛ kɛ
Nso mate aprodoo mekɔpre abodoo aba yi
Na mo ato me din abodin ahosɛpɛ
Daa mo hyɛ dɛm ɛyɛ kɔm kɛ kɛ
Na moate moho yi ɛyɛ su kɛ kɛ
Nso me nya me ho adaagye yi me wɔbre meho yi na mosi me meyɛ animuonyam pɛ
Na adɛn
[Verse 3]
Monte aseɛ sɛ ɛkɔ mamea na ebi bɛso moso
Na ankɔ ama me a na akɔ yɛ ɔbrɛguo
Na ɛkɔ yɛ ɔbrɛguo nso a na madane adesoa agu moso sɛ Nzema bosom no
Neɛ ayi akyerɛ ama mahu ne sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛbasoɔ ahyɛaseɛ ne nnɛ
Nti na merepae kwan de atohɔ na akyire mma asa me nanse nɔteɛ asi sie
Na wo atumi agyinaso na wɔ twe wonmu na woaso soro a wankyɛre tentene yɛ
Saa na wɔnam soa watumi de wɔnsa ase wɔnbo na wato wɔnbo ayi akyea
Nti mede no pententen menya kotokua nfa me kora be mpo nhyɛmu yi
Daakye asɛm nti na merebrɛ nɛ bosome soa na matenase ahome kyena wai
[Chorus]
Ɛnbɔ motiri so o asomasi ne ɔbenten
Mahunu mo tiri mu pɔ monkyerɛ do na me nsen
Neɛ ɔkɔ nsuo na ɔbɔ ahina
Na ɔpatafoɔ na odi abaa moma me ndwene
Efie gya adum mesɔ bi abɔnten
Mate nkensen na mobɔ ntenten
Nso ne kwan mu a no no
Sɛ meda na moda a daakye bi ebegya yɛn nyinaa adwenedwene
Mokɔda anda nyinaa ɛyɛ hu kɛ kɛ
Daa mo ayɛ din ɛyɛ ohia kɛ kɛ
Nso mate aprodoo mekɔpre abodoo aba yi
Na mo ato me din abodin ahosɛpɛ
Daa mo hyɛ dɛm ɛyɛ kɔm kɛ kɛ
Na moate moho yi ɛyɛ su kɛ kɛ
Nso me nya me ho adaagye yi me wɔbre meho yi na mosi me meyɛ animuonyam pɛ
Na adɛn
[Verse 4]
Anyɛbiaa ankɔ ama mea ɛbɛka mo abɔso tam
Ankɔ ama mea menko na mabɔ ka
Neɛ mehu no mane so ne me botayɛ manhyɛ anyɛ a neɛ medi nanim adi amia
Kaa monkoa dea na neɛ yɛ gye no nɛ adi amen de atwɛn adekyeɛ
Nti aka menkoa yi deɛ mere dwene nfie a ɛdamanim akyen kɔm ayɛ ntotoɛ
Na manyɛ a obia nyɛ nti matu meho asi hɔ
Ne yie mu nti me de me ho abɔ afɔreɛ
Ɛsɔ ɛne so aba a ekyire mma wɔ hɔ
Moane bɛte awie no na mawie ma sɛdeɛ
Menam kwantenpong yi so nkrane ba makwamu a mɛfa wɔnso
Ma boa me ho ama nhohoa a ɛbegu me so
Nama kwamu ada hɔ ama neɛ ɔbɛsa me so
[Chorus]
Ɛnbɔ motiri so o asomasi ne ɔbenten
Mahunu mo tiri mu pɔ monkyerɛ do na me nsen
Neɛ ɔkɔ nsuo na ɔbɔ ahina
Na ɔpatafoɔ na odi abaa moma me ndwene
Efie gya adum mesɔ bi abɔnten
Mate nkensen na mobɔ ntenten
Nso ne kwan mu a no no
Sɛ meda na moda a daakye bi ebegya yɛn nyinaa adwenedwene
Mokɔda anda nyinaa ɛyɛ hu kɛ kɛ
Daa mo ayɛ din ɛyɛ ohia kɛ kɛ
Nso mate aprodoo mekɔpre abodoo aba yi
Na mo ato me din abodin ahosɛpɛ
Daa mo hyɛ dɛm ɛyɛ kɔm kɛ kɛ
Na moate moho yi ɛyɛ su kɛ kɛ
Nso me nya me ho adaagye yi me wɔbre meho yi na mosi me meyɛ animuonyam pɛ
Na adɛn
[Bridge]
Do do do do do do do
Aprrrrr!
Do do do do do do do
Mese aprodoo teɛ deɛ saa
Hwɛ yɛ nim deɛ ɛbɛsi nso yɛnpaba koraa
Ɛgye gua na yɛde yanewuo agye adapaa
Ɛkɔ yie na yasi yanemuonyam ahata
(Do do do do do do do)
Ɛnti yete aprodoo afa kurom
Yakɔ pre aboodoo adi asan adi biom
(Aprrrrr)
Hwɛ yɛte aprodoo afa kurom
Yakɔ pre aboodoo adi asan adi biom
Mese yɛti aprodoo afa kurom
Yakɔ pre aboodooo adi asan adi biom
Yɛde bi abɔ yɛntomano atwe aba fie
Ama mmayoa ne mmɛɛma ade ehurusie
[Outro]
Yɛ de sa oo yɛ de sa
Okum adada yɛ de sa
Okum adada yɛ de sa
Okum adada yɛ de sa oo yɛ de sa
Wo maame de sa yɛ de sa
Written by: Bernard Nana Appiah, Michael Acheampong Yeboah, Michael TwistedWavex Dzitrinu