Lyrics

[Intro]
Huh
Ɔdɔ deɛ ɛdɛ oo
Hwɛ
M'akoma mu dɔ
Julie
Tie
[Verse 1]
Wodɔ no abɔ medam
Wodɔ no afira m'ani
Wodɔ no nti me nante bɛdwam a menhwɛ m'akyi
Ɔdɔ no asi m'aso, ɔdɔ no ama m'ayi
M'atɔn me nipadua no ama wo nti mma wo werɛ mfi
Sɛ mepɛ wo, medɔ wo nti me dea ne wo
Bra na yɛn bɔ bra kɔgya me sika dua no so
Mene wo mmienu ka nyɛ sɛ ebia me nyaa wo fo
Meyɛ barima bi a mepɛ adwuma nti mennyɛ kwaadwofo
Bɔ me nkɔmmɔ dɛ, nyane me anopa (Huh)
Fe m'ano na so me mu na kyerɛ me ɔdɔpa
Di m'akyi kɔ kurom, A&C bɔ me ka
Ntietie nipa, Temafoɔ ne nsem keka
Julie sɔ me nsa, yɛnkɔ goro na wo me ba
Ma w'ani kɔ me ho na check w'ayɔnkofa
Fa mekɔ na fameyɛ nea wopɛ
Mede m'ani ato fam obia nni hɔ a ɔne wosɛ
[Chorus]
Wodɔ nti ama me didi ɔnyɛ yie
Wo ho dɔ ntia ama me da a me nda oo
Etiri nyɛ bɔferɛ nso na y'apae mu ahwɛ ama w'ahunu aa
Nti ɔdɔyɛwu bra oo (Bra oo)
Ɔdɔ ee bra (Bra)
Ɔdɔyɛwu bra oo (Bra, bra ma yɛndi dɔ aa)
Ɔdɔ ee bra oo (Bra oo)
Ɔdɔ ee bra (Bra)
Wodɔ ntia (Bra, bra ma yɛndi dɔ aa)
[Verse 2]
Obiaa nni hɔ ka wo ho, wopɛ na medɔ
Obi de ne Hammer bɛse wopɛ a ɛnhwɛ hɔ
Nom champagne ɛso te a m'atɔ
Wodɔ na me hia me ho mfa me a ɛtu awɔ
Dan woho hwɛ m'anim, pene na me hwɛ
Nsɛm hyɛ me tirim ma me ka na yɛmmerɛ
Follow me to paradise
I can see the future when I look into your eyes (Huh)
Wofata me Beamer wofata me Benz
Gye me di make you no listen to your friends
Kwame George mra na me tell no sense
Yɛse mmarima suban basaa, it depends
Lord, mefam wo tesɛ glue
W'akoma no pa a ɛnworry mɛhyɛ no blue
True, ma baby you fine
Mɛhyɛ wo kawa one time
[Chorus]
Wodɔ nti ama me didi ɔnyɛ yie
Wo ho dɔ ntia ama me da a me nda oo
Etiri nyɛ bɔferɛ nso na y'apae mu ahwɛ ama w'ahunu aa
Nti ɔdɔyɛwu bra oo (Bra oo)
Ɔdɔ ee bra (Bra)
Ɔdɔyɛwu bra oo (Bra, bra ma yɛndi dɔ aa)
Ɔdɔ ee bra oo (Bra oo)
Ɔdɔ ee bra (Bra)
Wodɔ ntia (Bra, bra ma yɛndi dɔ aa)
Nti ɔdɔyɛwu bra oo (Bra oo)
Ɔdɔ ee bra (Bra)
Ɔdɔyɛwu bra oo (Bra, bra ma yɛndi dɔ aa)
Ɔdɔ ee bra oo (Bra oo)
Ɔdɔ ee bra (Bra)
Wodɔ ntia (Bra, bra ma yɛndi dɔ aa)
Written by: Sarkodie
instagramSharePathic_arrow_out