Top Songs By Daughters of Glorious Jesus
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daughters of Glorious Jesus
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Bishop Akwasi Asare Bediako
Composer
Cynthia Asare
Songwriter
Monica Owusu Ansah
Songwriter
Edna Agyare
Songwriter
Lyrics
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Asendua no so na otia mu ka sɛ
Eli eli lama sabachthani
Ao na otia mu na ɔka sɛ asukɔm de me
Ɔde no nsa keka keka ma no nom yɛ
Ɛnkwa nsuo wura no tie me su
Esan me nti ɔde nsa keka ma ne nom yɛ
Ɔdɔ wei deɛ, mentumi nte ase
Awurade fa me yɛ dea wopɛ
Asendua no so na otia mu ka sɛ
Eli eli lama sabachthani
Ao na otia mu na ɔka sɛ asukɔm de me
Ɔde no nsa keka keka ma no nom yɛ
Ɛnkwa nsuo wura no tie me su
Esan me nti ɔde nsa keka ma ne nom yɛ
Ɔdɔ wei deɛ, mentumi nte ase oo
Awurade fa me yɛ dea wopɛ
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Mese hwan koraa na ɔwɔ ɔdɔ kɛseɛ a, ɛtesɛ eyi
Agye Yesu nkoaa na otumi yɛ
Abrɛ bebirebe yi, ne animguase nyinaa akyi no
Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ agya fakyɛ wɔn
Mese me nyame no deɛ ɔyɛ ɔdɔ
Ɔno deɛ, neɛ asɛei ɔfa na ɔyɛ no yie
Enti fa w'adesoa ne wohaw nyinaa bra no nkyɛn
Ɔbɛ suɛ wo o, ama wo ehunu sɛ ɔno ne agyenkwa
Yesu obiara nni wiase ha obetumi ayɛ deɛ w'ayɛ yi
Mese medwene ho a, mentumi tease Awurade
Ɛhyɛ me sɛ, me mfa me nipa dua mbɔ afɔreɛ
Na mento ayɛyi ndwom
Yesu obiara nni wiase ha obetumi ayɛ deɛ w'ayɛ yi bi
Mese medwene ho a, mentumi tease Awurade
Ɛhyɛ me sɛ, me mfa me nipa dua mbɔ afɔreɛ. ma wo oo
Na mento ayɛyi ndwom
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei, Awurade ei, Awurade ei, medawase
Sɛ wo nam wo wuo so de agye me nkwa
Awurade ei
Written by: Bishop Akwasi Asare Bediako, Cynthia Asare, Edna Agyare, Monica Owusu Ansah