Top Songs By Amy Newman
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Amy Newman
Background Vocals
Hannah Marfo
Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Hannah Marfo
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Amy Newman
Co-Producer
Fantom
Producer
Lyrics
Ɛnnɛ Akristofoɔ adɔɔso
Nnipa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛnnɛ Akristofoɔ adɔɔso oo
Obi biara rehwehwɛ Onyame oo
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Mmɔfra nyinaa, mmɔfra nyinaa resom Nyame
Mpanyin nyinaa, mpanyin nyinaa resom Nyame
Mbabaawa nyinaa, mbabaawa nyinaa resom Nyame oo
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Mmɔfra nyinaa, mɔfra nyinaa resom Nyame
Mpanyin nyinaa, mpanyin nyinaa resom Nyame
Mbabaawa nyinaa, mbabaawa nyinaa resom Nyame oo
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛyɛ m'anigye sɛ ɔse me sɛ
Hannah bra na yɛnkɔ Onyame fie
Onyame mete ne nka akyɛ
Mete ne din na meyɛ abɔfra
Nnipa nyinaa bɔ no din kasa
Nkɔmmɔ biara nni hɔ a ne din nni mu
Ebi se Nyame yɛ ɔdɔ
Ebi se Nyame yɛ ɔbatanpa
Ebi se Nyame adi wɔn asɛm ama wɔn
Ebi se Nyame yɛ okokroko
Ebi se Nyame yɛ ɔsahene ei
Ebi se Nyame yɛ odimafo
Ebi se ɔnpɛ ntɛm mmu atɛn
Ebi se Nyame yɛ mmɔborɔhunufoɔ
Ebi se Nyame yɛ ɔnwanwani
Ebi se Nyame yɛ ɔdomankoma
Ebi se ɔkasa a obi nka bi
Tetekwaframoa Nyame no no
Ebi se Nyame yɛ prɛkɛsɛ gyamaadu
Ɔfiti kurotia a ne ho bɔn afie mu
Ebi se Nyame yɛ ɔdomfo oo
Ebi se Nyame yɛ ɔmmɔborɔhunufoɔ
Ebi se Nyame yɛ patako
Patako agye ko abɔ ne bo
Ɔkofoɔ gyefo Nyame ee
Tutu kɔtwere Nyame ee
Ao yɛn Nyankopɔn ei
Yɛngyae wo din bɔ da biara da oo
Akɔmfoɔ adaadaa yɛn, dunsinfoɔ adaadaa yɛn kwa
Ɛnnɛ deɛ yɛda Nyame ase sɛ w'ama y'ahu wɔn to
Ɛnnɛ deɛ nkanyan asi, obi biara bɔ ne ho mmɔden
Obiara yɛ n'afam deɛ ɛde aboa Onyame adwuma
Mmerɛ bi atwam no nanka ahiafoɔ na som Nyame aa
Nanka ntetekwa, awiemfoɔ na ɛsom Nyame
Nanso ɛnnɛ deɛ ɛnte saa obi biara sua Nyame asɛm
Ɛbɔ mpaeɛ oo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu Nyame yie
Ɛnnɛ lawyafoɔ resom Nyame
Nursefoɔ resom Nyame
Dɔktafoɔ resom Nyame
Judgefoɔ resom Nyame
Polisifoɔ resom Nyame
Adehyeɛ resom Nyame
Ɛno nti na ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛnnɛ Akristofoɔ adɔɔso
Nnipa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛnnɛ Akristofoɔ adɔɔso
Obi biara rehwehwɛ Onyame oo
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Mmɔfra nyinaa, mmɔfra nyinaa resom Nyame
Mpanyin nyinaa, mpanyin nyinaa resom Nyame
Mbabaawa nyinaa, mbabaawa nyinaa resom Nyame oo
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Obiara resom Nyame, obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame, obiaa som Nyame oo
Obiara resom Nyame, obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame oo, obiaa som Nyame oo

Written by: Cindy Thompson