Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Mark Anim Yirenkyi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Mark Anim Yirenkyi
Songwriter
Lyrics
Ɔnwenfo Nyame
Maba wanim
Mewura meyɛ dɔteɛ
Agya menni hwee ka
Wona mafom wo
Mayɛ wo bɔne mewura
Enti na maba sɛ ɔdomfo Nyame
Fa mebɔne kyɛ me
Ɔnwenfo Nyame
Maba wanim
Mewura meyɛ dɔteɛ
Agya menni hwee ka
Wona mafom wo
Mayɛ wo bɔne mewura
Enti na maba sɛ ɔdomfo Nyame
Fa mebɔne kyɛ me
Oo so wobɛpopa me din afi nkwa nnwoma mu anaa?
Wobɛma m’atamfo asere akosi dabɛn?
Wobɛpopa medin afi nkwa nnwoma mu anaa?
Wobɛma m’atanfo asere akosi dabɛn?
Oo mewura
Fakyɛ,
onwenfo fakyɛ, (fakyɛ oo)
fakyɛ n’ɛbɛhyɛ wanimuonyam
(Ɔdomfo Yesu Cristo)
Fakyɛ
Onwenfo fakyɛ (fakyɛ oo)
Fakyɛ terɛ medin nkwa nnwoma mu
(Ɔdomfo Yesu)
Fakyɛ,
(Fa adwerɛ te me koraa)
onwenfo fakyɛ,
(ma meho nfi tesɛ sukyirɛma)
fakyɛ n’ɛbɛhyɛ wanimuonyam
(mm mewura aa)
Yesu aa, Fakyɛ
Onwenfo fakyɛ (fakyɛ oo)
Fakyɛ terɛ medin nkwa nnwoma mu
Afei fame,
Fameyɛ wode mewura,
Bɔ akoma foforo to memu ɔbaatan pa
Ma mentena w’adom daa
Hyira me daa
Kyerɛ me w’kwan na mankwati mankɔyɛ bɔne
Afei mesrɛ wo menyi wo homhom mfiri meso koraa
So mebɛtena wiase a wohom nni meso anaa?
Mesrɛ wo fame
Fa m’akoma, fa m’adwen
Ne m’adeɛ nyinaa
Yesu fame koraa
Oo so wobɛpopa medin afiri nkwa nnwoma mu anaa?
Wobɛma m’atamfo asere akosi dabɛn?
Wobɛpopa medin afiri nkwa nnwoma mu anaa?
Wobɛma m’atanfo adi ahurusi akosi dabɛn?
Oo mewura
Fakyɛ (fakyɛ oo)
onwenfo fakyɛ, (fakyɛ oo)
Fakyɛ na ɛbɛhyɛ w’animuonyam
(fakyɛ na fame yɛ me foforɔ koraa)
Fakyɛ
(Oo fakyɛ)
Onwenfo fakyɛ (mesrɛ wo aa)
Fakyɛ twerɛ medin nkwa nnwoma mu
(wogyaa me a mɛyɛ mmɔbɔ)
Fakyɛ (mesrɛ wo aa Yesu)
onwenfo fakyɛ, (fa wonsa to meso koraa)
Fakyɛ na ɛbɛhyɛ w’animuonyam
(mennyaa me mma m’atamfo)
Fakyɛ (mewura Yesu ee)
Onwenfo fakyɛ (na wɔbɛteteme asɛe me koraa)
Fakyɛ twerɛ medin nkwa nnwoma mu
Written by: Mark Anim Yirenkyi