Top Songs By Daughters Of Glorious Jesus
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daughters Of Glorious Jesus
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Bishop Akwasi Asare Bediako
Composer
Cynthia Appiadu
Songwriter
Edna Sarpong
Songwriter
Monica Owusu Ansah
Songwriter
Lyrics
Mpempem mu ahoɔfɛfoɔ ɔhene yɛ ma wo so daa
Animuonyam animuonyamfoɔ ee yɛ pɛgya wo din daa
Tumi mu tumidifoɔ ee ɔhene yɛ bɛ yi w'ayɛ oo
Daddy ee yɛbɛ ma wo so oo, yɛbɛhyɛ wo animuonyam daa
Mpempem mu ahoɔfɛfoɔ ɔhene yɛ ma wo so daa
Animuonyam animuonyamfoɔ ee yɛ pɛgya wo din daa
Tumi mu tumidifoɔ ee ɔhene yɛ bɛ yi w'ayɛ oo
Daddy ee yɛbɛ ma wo so oo, yɛbɛhyɛ wo animuonyam daa
Hwan koraa na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan koraa na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan mpo na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Hwan koraa na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Yesu hwan koraa na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan mpo na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Mmm mehwehwɛɛ na me hunu yɛ
Na ogyina nsika kanea adua nson mfinfin
Yie menma m'ani so kɔ hwɛ a, Onyame agwanma
Wɔkum no no, Juda mu busuakuo mu gyata no
Yie, David enhini no a mese neɛ w'adi nkunim no
Ɔhyɛ ataade huu na nan te sɛ yaawa
Na n'ani te sɛ ogyaseraman
Na ne tirinhwi te sɛ odwan ho nwi fitaa
Yie, Onyame bɛn nie? Na ne ho yɛ hwan hwan sei yi aa
Ɔhene ee, yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛhyɛ wo animuonyam daa
Mehwehwɛɛ na me hunu yɛ
Na ogyina nsika kanea adua nson mfinfin
Yie menma m'ani so kɔ hwɛ a, Onyame agwanma
Wɔkum no no, Juda mu busuakuo mu gyata no
Yie, David enhini no a mese neɛ w'adi nkunim no
Ɔhyɛ ataade huu na nan te sɛ yaawa
Na n'ani te sɛ ogyaseraman
Na ne tirinhwi te sɛ odwan ho nwi fitaa
Onyame bɛn nie? Na ne ho yɛ hwan hwan sei yi aa
Ɔhene ee, yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛhyɛ wo animuonyam daa
Hwan koraa na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan koraa na ɔte sɛ wo oo? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene hwan mpo na ɔte sɛ wo aa? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Hwan koraa na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan koraa na ɔte sɛ wo agya ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan mpo hwan mpo hwan mpona ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Mehunu Awurade sɛ ɔte agwa ɛkron so
Oh na abɔfo dɔm etwa ne ho ahyia aa
Na wɔyi tɛntrewuo yi sɛ
Kronkron kronkron kronkronkron
Kronkron ne asafo Awurade
Na wɔyi tɛntrewuo yi sɛ
Kronkron kronkron kronkronkron
Kronkron ne asafo Awurade
Mehunu Awurade sɛ ɔte agwa ɛkron so
Na abɔfo dɔm etwa ne ho ahyia aa
Na wɔyi tɛntrewuo yi sɛ
Kronkron kronkron kronkronkron
Kronkron ne asafo Awurade
Hwan koraa na ɔte sɛ wo aa? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan koraa na ɔte sɛ wo aa? (Obiara nni hɔ oo)
Yesu hwan mpo na ɔte sɛ wo aa? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Hwan mpo na ɔte sɛ wo aa? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan koraa hwan koraa hwan koraa hwan koraa na agya ee? (Obiara nni hɔ oo)
Hwan mpo na ɔte sɛ wo ee? (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Mese hwan koraa na ɔte sɛ wo aa? (Obiara nni hɔ oo)
Mese y'atoto atoto yɛn ani aa (Obiara nni hɔ oo)
Oh bɛnkum ne nifa apueeɛ ne atɔeɛ (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Hwan koraa hwan koraa hwan koraa hwan koraa hwan koraa? (Obiara nni hɔ oo)
Yesu obiara nni hɔ eee-ye (Obiara nni hɔ oo)
Obiara nni hɔ a mede bɛ toto woho (Obiara nni hɔ oo)
Ɔhene yɛbɛ yi w'ayɛ oo, yɛbɛ ma wo so daa
Written by: Bishop Akwasi Asare Bediako, Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, Monica Owusu Ansah