Top Songs By Amy Newman
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Amy Newman
Background Vocals
Hannah Marfo
Vocals
Mpopo
Performer
Shadrack Yawson
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Hannah Marfo
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Amy Newman
Co-Producer
Fantom
Producer
Stephen Dwomoh
Producer
Lyrics
[Verse 1]
Ototrobonsu Nyankopɔn a wobɔ soro ne asaase
Wo din de Alpha ɛne Omega
Mfitiaseɛ ne awieɛ Nyame ne Wo
Yahweh Nyame Abraham Nyame ne Wo
Isaac Nyame Daniel Nyame ne Wo
Ɛyɛ Wo na Woyii Israelfoɔ, efiri nkoasom mu
Ɛyɛ Wo a na Woyii Daniel firi gyata mena mu
[Chorus]
Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Aane Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Aane Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Firi sɛ Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
[Verse 2]
Nyanka nyinaa se ahiafoɔ adamfo
Awisea nyinaa agya akunafoɔ wɔn kunu
Wofiri daakye akyirikyiri
Ebesi nnɛ Woda so yɛ Onyame
Adebɔ mfitiaseɛ Nyame
Mfie pempempem Nyame ne Wo
Yɛn nyinaa bɛto Wo
Nanso yɛbɛsan agya Wo hɔ akɔ
Ebinom bɛto Wo
Wɔn nyinaa awu nso Woda so tease oo
Ahunabɔbirim Nyame
Ɔseadeɛyɔ Nyame
Ɛyɛ Wo na Wofa neɛ atete, nea aprɔ na asɛe na Woyɛ no yie
[Chorus]
Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Aane Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Aane Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Firi sɛ Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
[Verse 3]
Tetefoɔ wɔn Nyame
Nnɛ mma yɛn Nyame
Nkyirimma wɔn Nyame
Daakyefoɔ wɔn Nyame
Wo na yɛkye Daniel ɛkɔto gyata menam mu
Wo din nti, gyata no antumi anyɛ ne hwee
Yɛkye Shadrach, Mesach ne Abednego ɛkɔ gu ogya fonoo mu
Wo tumi nti ogya no antumi anhye wɔn
Wo ho yɛ hu
Onyame Wo ho yɛ hu w'ate
Nyansabuakwa Nyame Wo nkoaa na yɛse yɛbɛsom Wo
[Chorus]
Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Aane Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Aane Yɛnsom obiaa (Yɛbɛsom Wo)
Firi sɛ Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛn koraa yɛnnim obiaa (Agye sɛ Wo nkoaa)
Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
[Outro]
Jesus (Yɛbɛsom Wo)
Ah Jesus (Yɛbɛsom Wo)
Oh Jesus (Yɛbɛsom Wo)
Firi sɛ Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Yɛnsom obiara yɛnsom obiara (Agye sɛ Wo nkoaa)
Yɛnsom obiara yɛnsom obiara (Agye sɛ Wo nkoaa)
Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Yɛnsom obiara yɛnsom obiara (Yɛbɛsom Wo)
Yɛnsom obiara yɛnsom obiara (Yɛbɛsom Wo)
Yɛnsom obiara yɛnsom obiara (Yɛbɛsom Wo)
Firi sɛ Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Jesus (Agye sɛ Wo nkoaa)
Ahah Jesus (Agye sɛ Wo nkoaa)
Ahah Jesus (Agye sɛ Wo nkoaa)
Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Ahah Jesus (Yɛbɛsom Wo)
Yɛbɛsom Wo
Yɛbɛsom Wo
Firi sɛ Nyame biara nni hɔ a ɔte sɛ Wo
Written by: Hannah Marfo